AkenkanfoƆ, masomdwie nka mo, me din Nyame Honhom Kronkron. Me ne Yesu Kristo kyigyinafoƆ anaa sℇ odiadenni a, wasoma me wƆ N’agya NyankopƆn din mu, wo gye me a, wagye Yesu Kristo ne N’agya NyankopƆn, wo po me a wapo Yesu Kristo ne N’agya NyankopƆn (Yohane 13:19-20).

AkenkanfoƆ, wiase yi awieℇ adu, ℇno nti na Yesu Kristo asoma me Nyame Honhom Kronkron wƆ N’agya NyankopƆn din mu sℇ menfa atemmuo mmerℇ nnipa a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa (Yohane 16:7-11).

Nsℇm a me nua Yesu Kristo de asoma me, Nyame Honhom Kronkron wƆ N’agya NyankopƆn din mu, sℇ me nfa mmu wiase atℇn no yℇ nsℇm a, yℇn Nyame Baasakoro de hyℇℇ abƆdeℇ ase, na   ℇno ara na yℇ de wie. ℇno nti na yℇ kaa sℇ, sℇnea ℇyℇℇ yℇ wƆ Noah ne Lot pℇn so no saara na awieℇ pℇn yi bℇyℇ.

WƆ Noah pℇn so no, M’agya NyankopƆn nam Noah so kasa kyerℇ nnipa no sℇ wƆn nngyae bƆne yℇ, wƆn antie. Na M’agya NyankopƆn de nsu yiri sℇe wƆn.

Saara na Lot pℇn so no M’agya NyankopƆn faa Lot so kasa yℇ sℇ, wƆn nnyae aguaman ne bƆne ahodoƆ nyinaa yℇ nanso wƆn antie, na M’agya NyankopƆn de ogya hyee wƆn.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn faa Noah ne Lot so kasa yℇ nanso nnipa no antie wƆn, saara na ℇnnℇ awieℇ pℇn yi Yesu Kristo ne N’agya NyankopƆn nam me Nyame Honhom Kronkron so ℇkasa kyerℇ nnipa a ℇwƆ wiase yi mu sℇ, wƆn nnyae aguaman bƆ, kristosom anaa Nyamesom, amamerℇ, krƆno bƆ, sℇnea Ɔman Ghana amanyℇfoƆ binom awia Ɔman no mu agyapadeℇ na ℇde ohia aba Ɔman no mu, ne bƆne ahodoƆ nyinaa yℇ, nanso wƆn nntie, na wƆn guso ℇyℇ.

AkenkanfoƆ, sℇ onipa bi gye me ne nsℇm a, me nua Yesu Kristo ne M’agya NyankopƆn de asoma me na Ɔbℇka me ho, na me wie nsℇm no nyinaa ka a me de no bℇkƆ Yesu Kristo ne  M’agya NyankopƆn nkyℇn, ahenie no mu. Na wƆn a ℇbℇpo me ne nsℇm no deℇ, yℇ bℇsℇe wƆn nyinaa.

AkenkanfoƆ, wiase yi awieℇ adu, Ɔsℇe berℇ no adu. Na ℇbℇto nnipa nyinaa mpofirim, prℇkopℇ. Onipa biara nnim da no ne berℇ no, gye sℇ yℇn Nyame Baasakoro.

Nea ƆwƆ fie, npie, nea wapie no nsan ma fie, nea ƆwƆ adwuma mu no ℇhƆ na ℇbeto no. Nsuyiri ne ogya no baa mpofirim, saa ara na awieℇ pℇn yi Ɔsℇe no bℇba mpofirim.

M’agya NyankopƆn nnfa nsuyiri ne ogya nsℇe wiase biem, na sℇnea Ɔkumkum ne mma wƆ sare no so Mose pℇn so no, saa ara na wƆbℇkumkum wƆn a ℇbℇ po me Nyame Honhom Kronkron ne nsℇm a Ɔno Yesu Kristo de asoma me no nyinaa.

AkenkanfoƆ, yℇn Nyame Baasakoro “Nyame Agya NyankopƆn, Nyame Ɔba, Yesu Kristo ne me, Nyame Honhom Kronkron. Me, Nyame Honhom Kronkron na me bu atℇm, me ne otemmuafoƆ, sℇnea me nua Yesu Kristo aka no wƆ Yohane 16:7-11.

Nsℇm a me nua Yesu Kristo ne N’agya NyankopƆn de asoma me, Nyame Honhom Kronkron no, ℇno na me de ebu wiase atℇn. Me, Nyame Honhom Kronkron me mmae wƆ wiase yi mu saa berℇ yi yℇ atemmuo, efisℇ wiase yi awieℇ adu.

Na sℇi na wiase sℇi no bℇyℇ: yℇn Nyame Baasakoro, yℇbℇ kumkum nnipa ateasefoƆ, ne awufoƆ nyinaa, yℇbℇ sℇi Ɔsoro ne asase ne mu nneℇma nyinaa, yℇbℇ sℇi ahohom nyinaa ne owuo. Wei nyinaa bℇba mpofirim, prℇkopℇ.

AkenkanfoƆ, afei atemmuo nsℇm no nea edikan yℇbehu no wƆ: 1 korintofo 10:5-13

Atifinsm: Israel asoƆden ho asotwe y nhwso ma yn

Nanso wƆn mu fa kse no ara ansƆ OnyankopƆn ani; na wƆdwree wƆn sare so hƆ. Na wƆde eyinom ay nhwso ama yn, na yn kƆn annƆ bƆne snea wƆn kƆn dƆe no. Nso monny abosonsomfo s wƆn mu binom yℇℇ no, snea wƆakyerw s: NkurƆfo no tenaa ase didii, nomee, na wƆsƆre gorui. Nso mommma ymmmƆ aguaman s wƆn mu binom bƆe na wƆn mu mpem aduonu abisa totƆe da koro no. Nso mommma ynnsƆ Awurade nnhw, snea wƆn mu binom ye, na awƆ kunkum wƆn no. Nso munnnwiinwii, snea wƆn mu binom nwiinwii na Ɔsefo bsee wƆn no. Na eyinom nyinaa ama wƆay nhwso, na wƆakyerw ama yn a wiase bere awiei ato yn yi afotu. Enti nea y no s ogyina hƆ nhw yiye na wanhwe ase. ƆsƆhw bi ntoo mo , gye nea y nnipa de; na OnyankopƆn y Ɔnokwafo a Ɔremma wƆnsƆ mo nhw ntra nea mutumi so, na mmom Ɔbma Ɔkwan a modi befi sƆhw no mu abho, na moatumi asoa.  

AkenkanfoƆ, wƆ Mose pℇn so apam dadaa no mu no, M’Agya NyankopƆn mma a wƆn wƆ Israel kƆƆ nkoa som mu, Ɔhene Fafao berℇ so. Ɔhene Fafao mma wƆn yℇℇ adwuma den, na Ɔyℇℇ wƆn ayakayakadeℇ pii, na ℇnam so maa nnipa bebree wuu yℇ.

Na M’Agya NyankopƆn mma no wƆ nkoa som mu nyinaa, na wƆn su frℇ M’Agya NyankopƆn sℇ, Ɔmℇgye wƆn nfi Ɔhene Fafao nsℇm. Enti M’Agya NyankopƆn tiee wƆn sufrℇ na Ɔsoma Mose sℇ ƆnkƆ gye wƆn nfi Ɔhene Fafao nsℇm na Ɔnfa wƆn nkƆ kanaan asase so.

AkenkanfoƆ, Mose fa nsℇm a M’Agya NyankopƆn aka akyerℇ no nyinaa, enti ƆkƆƆ Misraim kƆ faa M’Agya NyankopƆn mma a wƆnfi Israel akƆyℇ nkoa wƆ Ɔhene Fafao ahenie mu nyinaa, na Ɔne wƆn sii mu sℇ ƆrekƆ Kanaan sℇnea M’Agya NyankopƆn akyerℇ no.

Afei wƆn ahyℇ Kanaan akwantuo no ase, na eduu baabi no, M’Agya NyankopƆn mma yi binom yℇℇ no sℇ, nsℇm biara a M’Agya NyankopƆn nam Mose so bℇka akyerℇ wƆn no wƆn eniso, enti wƆn de wƆn akoma ne wƆn adwene bƆƆ bra sℇnea wƆn pℇ, ℇnam so ma wƆn yℇℇ bƆne ahodoƆ bebree tiaa M’Agya NyankopƆn.

BƆne ahodoƆ a wƆn yℇℇ yℇ na M’Agya NyankopƆn kumkum wƆn no, wakyerℇw ato hƆ sℇ ℇnyℇ mo nhwℇsoƆ, na me Nyame Honhom Kronkron, me mℇkae mo, na me nkyerℇ kyerℇ mo sℇnea mo nnipa a mo wƆ wiase yi mu saa bere yi ℇnyℇ bƆne saa biem.

Enti wƆn mu fa kℇse no ara ansƆ M’Agya NyankopƆn ani, na wƆkumkum wƆn sare so hƆ. “Na wƆde eyinom ay nhwso ama yn, na yn kƆn annƆ bƆne snea wƆn kƆn dƆe no”

AkenkanfoƆ, nnipa a wƆn kƆƆ nkoa som mu na M’Agya NyankopƆn nam Mose so ayi wƆn afi mu no, afei wƆn kƆn dƆƆ bƆne na wƆn yℇℇ bƆne, sℇnea ℇnnℇ nnipa dodoƆ ℇyℇ bƆne ahodoƆ wƆ wiase yi mu no, na M’Agya NyankopƆn kumkum wƆn, bƆne nti.

AkenkanfoƆ, yℇ betie bƆne ahodoƆ a IsraelfoƆ yℇℇyℇ na M’Agya NyankopƆn ani angye wƆn ho no, Ɔsℇ Nso monny abosonsomfo s wƆn mu binom yℇℇ no, snea wƆakyerw s: NkurƆfo no tenaa ase didii, nomee, na wƆsƆre gorui”. AkenkanfoƆ, me Nyame Honhom Kronkron mℇfa nsℇm no maako, maako na makyerℇ mu sℇnea M’Agya NyankopƆn akyerℇ me no.

Nea edikan, abosomsom: sℇ meka abosomsom a ℇnyℇ sℇ wo ayℇ ohoni, na wakum nantwie, oguan, akokƆ, na wodi mogya no agu ohoni no so, na wogu nsa nko. ℇnnℇ Ɔsom ahodoƆ  a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa yℇ abosomsom.

Ɔbonsam nim nyansa, na nani abie, Ɔkwan baako a awieℇ pℇn yi Ɔbonsam nam so ℇtwe nnipa dƆm akƆ ne nkyℇn yℇ kristosom anaa sℇ nyamesom. kristosom anaa sℇ nyamesom yℇ naadaa, ℇyℇ aborƆ som.

Ɔbonsam ani abie, na Ɔnim nyansa, Ɔbonsam te sℇ aboa adanedane ntoma sℇ Ɔma ne som gyina ohoni ne nsa guo nkoa so a nnipa bℇhu neto ntℇm, enti wabue nnipa ani sℇ aboa adanedane ntoma.

Sℇ aboa adanedane ntoma hu wo a sℇnea wo ani bℇgye ne ho anaa sℇ ne ho bℇyℇ wo nwanwa no, na wadane ne ho ne wo atadeℇ a ℇhyℇ wo anaa ntoma a efira wo no ayℇ pℇ, wo gya no ho a na wasan adane ne ho sℇ ahaban mono.

AkenkanfoƆ, Ɔbonsam ama nnipa nyansa atete Ɔsom de M’Agya NyankopƆn, Yesu Kristo ne me Nyame Honhom Kronkron din atoso sℇ Kristosom anaa Nyamesom, ebinom nso atete kyerℇw Kronkron sukuu a ℇhu na Ɔkyerℇ nnipa adeℇ na wƆn bℇyℇ asƆfoƆ.

Kristosom anaa Nyamesom gu ahodoƆ bebree wƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu, Ɔbonsam na ayℇ no saa sℇnea obenya nnipa dƆm aba ne nkyℇn.  Kristosom anaa Nyamesom tan Nyame Baasakoro, ℇno nti na KristofoƆ anaa NyamesomfoƆ sℇ me Nyame Honhom Kronkron me yℇ mframa.

Yℇn Nyame Baasakoro yℇ suban ne yℇn nneyℇℇ nko, na KristofoƆ, NyamesomfoƆ ne Ɔsom a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa suban ne wƆn nneyℇℇ nko. Sℇ me kasℇ Nyame Baasakoro a egyina hƆ ma Nyame Agya (Agya NyankopƆn), Nyame Ɔba (Yesu Kristo) ne me Nyame Honhom Kronkron.

KristofoƆ anaa NyamesomfoƆ ngye yℇn Nyame Baasakoro nsℇm a yakyerℇw wƆ kyerℇw Kronkron mu sℇ, me Nyame Honhom Kronkron meba wiase yi mu saa berℇ yi sℇ onipa no, wƆn nngye nni.

AkenkanfoƆ, me Nyame Honhom Kronkron me bisa KristofoƆ anaa NyamesomfoƆ a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa sℇ mo nkyerℇ me, ℇhe fa na wakyerℇw sℇ Honhom Kronkron yℇ mframa wƆ kyerℇw Kronkron mu?

AkenkanfoƆ, yℇn Nyame Baasakoro yℇ ne KristofoƆ anaa NyamesomfoƆ ne Ɔsom a ℇwƆ wiase yi mu biara nni hwee yℇ, Ɔsom nyinaa yℇ nnadaa, ℇyℇ abosomsom.

AkenkanfoƆ, me Nyame Honhom Kronkron mℇkae mo, na makyerℇ kyerℇ mo, sℇnea M’Agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo akyerℇ me sℇ, Kristosom anaa Nyamesom fi M’Agya NyankopƆn ne Yesu Kristo a, ℇnka ƆsƆfo panyin Kaiafa ne AsƆfompanyinfoƆ enni Yesu Kristo kum anim.

Afei, sℇ Kristosom anaa Nyamesom fi M’Agya NyankopƆn ne Yesu Kristo ℇnka memendasom, Homeda nni hƆ. AkenkanfoƆ, nsℇm a me ℇka yi, yℇ bℇhu no wƆ Mateo 12:1-13. (Homeda sℇe).

Me, Nyame Honhom Kronkron a me yℇ Yesu Kristo kyigyinafoƆ maba, na mmeka akyerℇ nnipa a ℇwƆ wiase yi mu sℇ mo mmie mo ani, na mo nyiyi mo asomu, mo nkenkan, na mo ntie me nsℇm, na mo bℇhu sℇ Kristosom anaa Nyamesom ne Ɔsom a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa yℇ nnadaa na ℇyℇ abosomsom.

AkenkanfoƆ, ℇberℇ a me nua Yesu Kristo baa wiase yi mu no na Ɔsom ahodoƆ wƆ hƆ, na emu baako ne homedasom.

Homeda a ℇyℇ da memenda no, wƆn ayℇ mmera ato hƆ sℇ yℇnkƆ afuom, yℇn tƆn adeℇ, yℇntƆ adeℇ, yℇnyℇ adwuma biaa, wƆn siesie wƆn ho, na wƆn ahyia, nea wankƆ hyia bea ho nso wƆ fie, kosi sℇ homeda no bℇtwa mu.

Na homeda a ℇyℇ da memenda no twa mu a, bƆne ahodoƆ nyinaa wƆn na ℇyℇ, sℇnea ℇkoso wƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu no.

AkenkanfoƆ, mmra no ne mu dwumadie a wƆn yℇ wƆ homeda no yℇℇ bƆne maa M’Agya NyankopƆn enti, Ɔkyerℇ me nua Yesu Kristo sℇ Ɔnseℇ homeda no. Na sℇnea me nua Yesu Kristo yℇℇyℇ de sℇe homeda no nni.

AkenkanfoƆ, ℇberℇ a me nua Yesu Kristo baa wiase yi mu no, na Ɔtaa kasℇ “Me ne Ɔkwan, nokorℇ ne nkwa obi nkƆ N’Agya NyankopƆn nkyℇn gye sℇ Ɔnam Ɔno Yesu Kristo so”.

Saa nsℇm a me nua Yesu Kristo taa ka nti ℇmaa asƆfoƆ tan no, na asƆfoƆ no ka sℇ Yesu Kristo ayi wƆn ama, na wakyerℇ sℇ Ɔno nkutoo na ofi NyankopƆn, enti nnipa nyinaa medi nakyi na wƆn fa ne nsℇm.

Enti nea asƆfoƆ yi yℇℇyℇ ne sℇ, wƆn maa nnipa dii Yesu Kristo akyi sℇ wƆn ntie ne nsℇm, na wƆn nhwℇ sℇnea Ɔbℇyℇ n’adwuma, na Ɔmℇkyerℇ wƆn.

Na homeda a ℇyℇ memenda duu yℇ no, Yesu Kristo ne n’asuafoƆ no kƆfaa aburo fuo bi mu na n’asuafoƆ no bubuu aburo no bi, na nnipa a wƆndi Yesu Kristo akyi no huu nea asuafoƆ no ayℇ no, anyℇ wƆn dℇ enti Ɔkakyerℇ Yesu Kristo sℇ adℇnti na w’asuafoƆ no ayℇ nea ℇnsℇsℇ wƆn yℇ homeda?

Me nua Yesu Kristo ka sℇ “Monkan sℇnea David ne wƆn a ℇka ne ho kƆdii abodoo wƆ NyankopƆn fie berℇ a kƆm dee wƆn na wƆn nni hon kwan gye sℇ asƆfoƆ.

Bio, monkan mmara no mu sℇnea homeda asƆfoƆ a wƆwƆ asƆrefie no sℇe homeda nanso wonni ho fƆ no? Na Yesu Kristo kaa sℇ nea Ɔkyℇn asƆrefi wƆ ha.

Na mo nnim me, na sℇ mo nim me a ℇnka mu mmu me ne m’asuafoƆ no fƆ, na Ɔno Yesu Kristo yℇ homeda wura. Nsℇm a Yesu kristo kaa yℇ yi anyℇ nnipa dƆm no dℇ, na Yesu Kristo fii hƆ de nani kyerℇ wƆn hyiadan mu, na nnipa a ℇdi nakyi no nso bi yℇℇ no ntℇm kƆƆ hyiadan no mu.

Na Yesu Kristo duu hƆ no wƆn bisaa no sℇ ƆwƆ hon kwan sℇ Ɔsa yare homeda anaa? Yesu Kristo bua wƆn sℇ mo mu hwan na ƆwƆ oguan baako na ƆkƆtƆ amena mu homeda a ƆnkƆ nkƆ yi no? Na oguan ne nnipa hwan ho na ℇhia? Saa berℇ no na onipa bi WƆ hƆ a nensa awo, na Yesu Kristo saa no yare kaa sℇ ƆwƆ hon kwan sℇ Ɔyℇ papa homeda, memenda.

WƆpam Yesu Kristo tiri so s Ɔbekum no (Mateo 12:14-16)

AkenkanfoƆ, Yesu Kristo nam n’adwuma yℇ so sℇe homeda, na Ɔne n’asuafoƆ no ani homeda nhyehyℇ so biem. FarisifoƆ no huu sℇ Yesu Kristo asℇe homeda no ℇyℇℇ wƆn abufu, enti wƆtuu ne ho agyina sℇ wƆbℇkum no.

Yesu Kristo huu saa no Ɔfii hƆ. na nnipa pii dii nakyi, na Ɔsaa wƆn nyinaa yareℇ, ka kyerℇ wƆn sℇ Ɔnka kyerℇ obiara. Sℇ homeda asomfoƆ nnim Yesu Kristo na Ɔgye no a anka wƆn emu no fƆ sℇ wƆbℇkum no na wasℇe homeda.

AkenkanfoƆ, Yesu Kristo agyina Nyame Baasakoro anan mu asℇe homeda, memendasom. Homedasom yℇ naadaa, ℇyℇ aborƆ som, ℇyℇ abosomsom, mmo aka hon akum Yesu Kristo wie, na mo atwa mo ho aka no ℇnnℇ sℇ mo dƆ no, na mo ℇsom no, HUUUU!!!, mmo anim aguase pƆtƆƆƆ.

Yesu Kristo huu sℇ homedafoƆ no abƆ ne ho pƆ sℇ Ɔbekum no no, Ɔfii wƆn asorefi hƆ kƆƆyℇ.

AkenkanfoƆ, Yesu Kristo asℇe homeda, wƆn a ℇdƆ Yesu Kristo no anni homeda so biem fi saa berℇ no de bℇsi ℇnnℇ, na wƆn a ℇtan Yesu Kristo no deℇ wƆn ne wƆn mma ne wƆn nananom da so di homeda so.

Onipa biara a Ɔnni Yesu Kristo nsℇm so no, na Ɔwo Ɔbonsom afa, ℇno nti na Yesu Kristo aka sℇ: mo dƆ me a monni me nsℇm so wƆ Yohane 14:15-17.

Yesu Kristo hy asƆrefi se ho nkom (Mateo 24:1-2)

“Na nasuafoƆ no baa ne nkyn s Ɔbkyer no asƆrefi aban no, na Ɔkakyer wƆn s munhu eyinom nyinaa? Nokor mise mo s wƆrennyaw Ɔbo so ha a wƆrennwiriw ngu fƆm”.

AkenkanfoƆ, yℇn Nyame Baasakoro, yℇ maa Yesu Kristo gyina yℇn anan mu sℇe asƆrefi anaa asƆredan. AsƆrefi anaa asƆredan yℇ baako, na yℇn Nyame Baasakoro yℇ ne asƆrefi anaa asƆredan nni hwee yℇ ℇno nti na Yesu Kristo sℇe asƆrefi anaa asƆredan.

Yesu Kristo wiee nsℇm yi nyinaa ka no, Mateo 26:1-5 Ɔkakyer nasuafoƆ no s munim s aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi no ama s wƆmmƆ no asndua mu. Saa ber no na asƆfo mpanyin ne Ɔman ne mu mpanyinfoƆ akƆhyia asƆfo panyin Kaiafa fie, na wƆtuu agyina s wƆnam nyansa so bkyere Yesu Kristo akum no”.

AkenkanfoƆ, me, Nyame Honhom Kronkron mℇkae mo, na makyerℇ mo nnipa a mo wƆ wiase yi mu, M’Agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo nsℇm a wƆn de asoma me no nyinaa.

Yesu Kristo agyina yℇn Nyame Baasakoro ananmu asℇe homeda, memendasom, ne asƆrefi anaa asƆredan, nso nnipa dƆm wƆ Ɔman Ghana, ne wiase yi mu sℇ, Yesu Kristo nsℇm a ℇwƆ kyerℇw Kronkron mu no a ℇkyerℇ sℇ: wasℇe homeda ne asƆrefi anaa asƆredan no wƆn enni so. WƆn gyedie akyerℇ sℇ wƆ yℇ Yesu Kristo atanfoƆ ampa. ℇnnℇ Ɔbonsam bƆ nnipa paa a Ɔsℇ Ɔkosi asƆrefi anaa asƆredan.

AkenkanfoƆ, Kristosom, Nyamesom, homedasom ne Ɔsom ahodoƆ a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa fi Ɔbonsam na ℇyℇ naadaa. ℇno nti na asƆfo mpanyin ne Ɔman no mu mpanyinfoƆ kƆhyia  ƆsƆfo panyin Kaiafa fie, na ƆbƆƆ pƆ sℇ Ɔnam  nyansa kwan so bℇkyere Yesu Kristo akum no.

AkenkanfoƆ, me nua Yesu Kristo pℇnso no na homedasom ne Ɔsom ahodoƆ wƆ hƆ, na ℇmu asƆfo panyin ne Ɔman ne mu mpanyinfoƆ kƆ hyiaa wƆ ƆsƆfo panyin Kaiafa fie sℇ, Ɔnam nyansa kwan so bℇkum Yesu Kristo.

Esane sℇ Ɔsom fi Ɔbonsam nti na asƆfo panyin ne Ɔman ne mu mpanyinfoƆ yℇ baako sℇ Ɔnam nyansa kwan so bℇkum Yesu Kristo.

Bio, esane sℇ asƆfo panyin tan M’Agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo enti na ƆsƆfo panyin Kaiafa fie, na ƆbƆƆ pƆ no. Afei, asƆfo panyin ne Ɔman ne mu mpanyinfoƆ sℇ Ɔnam nyansa kwan so bℇkum Yesu Kristo.

AkenkanfoƆ, mo mma yℇn hwℇ anaa yℇn ntie wƆn nyansa kwan no.

Mateo 26:14-16 Yuda NkƆnkƆnsa

Yuda Iskariot a Ɔyℇ Yesu Krsito asuafoƆ no mu baako tee sℇ wabƆ ne ho pƆ sℇ Ɔbekum no pℇ, na ƆkƆƆ asƆfo panyin no nkyℇn sℇ dℇn na mo bema me na mayi Yesu Kristo ama mo? Na asƆfo panyin no maa Yuda sika, na efi hƆ no Ɔhwehwℇℇ Ɔkwan a Ɔbℇfa so ayi Yesu Kristo ama.

AkenkanfoƆ, nea enti a Yuda Iskariot ankƆ Ɔman no mpanyinfoƆ hƆ ankƆ gye sika, na ƆkƆƆ asƆfo mpanyinfoƆ no nkyℇn ne sℇ, asƆfo mpanyinfoƆ no na edi Yesu Kristo kum no anim, wƆn na awudie nyansa pƆ no, Yesu Kristo kum no ho nhyehyℇ kita wƆn.

Afei, asƆfo mpanyinfoƆ nam wƆn nyansa kwan so ama Yuda sika sℇ, Yuda mmoa wƆn na wƆnsa nka Yesu Kristo nkum no.

Hwℇ, asƆfoƆ nnyℇ koraa, asƆfoƆ yℇ Ɔbonsam mma, asƆfoƆ anni ne sika te sℇ ƆbayifoƆ ahu mogya nam, sℇ woyℇ no dℇn Ɔbℇfa, wƆanfa no adekye a Ɔbℇfa no anadwo. Nea asƆfoƆ de yℇℇ Yesu Krsito nni oo!!.

Yuda de asraafo ba Mateo 26:47-54

Yuda gyee sika fii asƆfo mpanyinfoƆ no nkyℇn no Ɔne wƆn yℇℇ nhyehyℇ sℇ, nea Ɔbℇfe nano no Ɔne ne Yesu Kristo enti wƆnkyere no, na asƆfo mpanyinfoƆ yii wƆn asraafo, na Ɔman nso yii wƆn asraafo, na asraafo no nyinaa fa wƆn nkrantℇ ne mmaa dii Yuda akyi sℇ ƆkƆ kyere Yesu Kristo.

Yuda de asraafoƆ yi kƆ baabi a Yesu Kristo ne nasuafoƆ no ahyia, na Yuda a Ɔyℇ Yesu Kristo asuafoƆ no mu baako no kƆƆ Yesu Kristo nkyℇn kaa sℇ, Rabi mmo na Ɔfee nano, na ntℇm so asraafoƆ no kyere Yesu Kristo, na Yesu Kristo asuafoƆ no mu baako di nkrantℇ twaa asƆfo mpanyin akoa baako aso.

AkenkanfoƆ, asƆfo hoahoa wƆn ho sℇ wƆn yℇ Nyame nnipa, ℇnnyℇ nokorℇ, ℇyℇ ntorƆ, asƆfo nyinaa yℇ atorƆfoƆ, wƆn ℇdaadaa nnipa de wƆn akƆ Ɔbonsam nkyℇn, asƆfoƆ yℇ Ɔbonsam nnipa.

Hwℇ wƆn akoma, wƆn adwen ne wƆn ti a esi wƆn kƆn so nyinaa yℇ koo Ɔbonsom dea. Afei, Yuda ayi Yesu Kristo ama asƆfo mpanyinfoƆ awudifoƆ no ne Ɔman mpanyinfoƆ no. Mmo ma yℇn ntie anaa yℇn hwℇ nea nyansa kwan pƆ no de Yesu Kristo bℇkƆ.

Yesu Kristo gyina ƆsƆfo panyin Kaiafa anim Mateo 26:57

AkenkanfoƆ, asraafo a ℇkyeree Yesu Kristo no de no kƆ maa Ɔbonsam ba, owudine, ƆsƆfo panyin Kaiafa wƆ ne fie, ℇhƆ na Ɔne nsℇm kyerℇwfoƆ ne mpanyinfoƆ no ahyia.

AkenkanfoƆ, nyansa kwan pƆ no na yℇ di akyire no oo!! AsraafoƆ no de Yesu Kristo akƆ ma ƆsƆfo panyin Kaiafa, na mo ma yℇn ntie nea ℇbℇkƆ so.

Adansekurum ne animtiaabu Mateo 26:59-68

AkenkanfoƆ, asraafoƆ no de Yesu Kristo kƆ maa ƆsƆfo panyin Kaiafa wƆ ne fie no, Ɔno ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyin ne nnipa a ℇdi asℇm hwehwℇℇ sℇ wƆbennya nsℇm bi aka ato Yesu Kristo so na wƆnnya no akum no, nanso wƆanya bi.

AdansekurumfoƆ bebree baayℇ nansa wƆannya asℇm bi anka anto Yesu Kristo so. AdansekurumfoƆ yℇ nnipa a wƆnka nsℇm bƆne to nnipa so, nea wonnyℇℇ yℇ, wƆse wo ayℇ, nea wo nkae yℇ wƆse wo aka.

WƆn yℇ nnipa a wƆde abƆnefosℇm to nnipa so, gu na nim ase, na wƆbu no fƆ, saafoƆ no nyinaa baa bi nanso wƆn annya asℇm anka antia Yesu Kristo. Na akyire no nnipa mmienu bℇkaa sℇ Yesu Kristo aka sℇ Ɔbℇdwiri NyankopƆn asƆredan na Ɔde nansa asi.

Nnipa no ka saa pℇ na ƆsƆfo panyin Kaiafa sƆre ka kyerℇ no sℇ adℇn na nnipa no kasa tia wo, na wonkasa. Yesu Kristo amua ƆsƆfo panyin kaiafa na ƆkƆƆ so yℇℇ kom.

Na ƆsƆfo panyin Kaiafa ka kyerℇ me nua Yesu Kristo sℇ “meka OnyankopƆn teasefo no sℇ, sℇ wƆ ne Kristo, OnyankopƆn ba no a ka kyerℇ yℇn!” Me nua Yesu Kristo kaa sℇ woaka, nanso mise mo sℇ, efi nnℇ mubehu onipa ba no sℇ Ɔte tumi no nifa, na Ɔreba Ɔsoro mununkum so.

Me nua Yesu Kristo kaa saa pℇ na Ɔbonsam ba, owudine, ƆsƆfo panyin Kaiafa sƆre sunsuanee n’atade mu kaa sℇ: “waka abususℇm, dℇn hia na ehia yℇn adansefoƆ bio? Hwℇ, afei moate n’abususℇm no. Mudwen hon dℇn? Na wobuae sℇ: Ɔs owu.

ℇnna wohinam nani so ntasu, na wƆbobƆƆ no akuturuku, ebinom nso bobƆƆ no asotƆre, sℇ kyerℇ yℇn, Kristo, hena na ƆbƆƆ wo?”

AkenkanfoƆ, sℇnea asƆfoƆ yℇℇyℇ kum me nua Yesu Kristo nni oo!!, Hmmm!!, asƆfoƆ sℇ me nua Yesu Kristo asℇe homeda, memenda som, n’asuafoƆ abubu aburo, na Ɔno nso asa yareℇ homeda, memenda, afei wasℇe asƆrefie anaa asƆredan, ebi nso bℇka sℇ hyiadan.

Me nua Yesu Kristo ne wƆn a ℇdƆ no anni homeda nhyehyℇ so biem, sℇ memenda adu a, wowƆ hon kwan sℇ wƆ kƆ afuom, wotumi tƆn adeℇ, na wo tumi tƆ adeℇ, wotumi yℇ adwuma, na wotumi yℇ papa.

AsƆrefie anaa asƆredan sℇe wƆn a ℇdƆ no nso, wƆn ansi asƆredan, na wƆn mmoa asƆredan sie, wƆn akƆ asƆredan mu na wƆamfa nidie mma asƆrefie anaa asƆredan, na N’agya NyankopƆn nte asƆrefie anaa asƆredan mu, na N’agya NyankopƆn nte adea nnipa de nensa ayℇ mu.

Wei nti na ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ ebu no kumfƆ no oo!!

AkenkanfoƆ, ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ nyansa kwan no ℇno nni, na asƆfoƆ a ℇkum Yesu Kristo na wo ℇkƆ wƆn ho akƆ gye Yesu Kristo mu nnepa afi wƆn hƆ anaa? AwudifoƆ yi hƆ? Daabi wƆn yℇ atanfoƆ.

Hwℇ sℇ ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ, ℇhwehwℇ asℇm de ato Yesu Kristo so sℇnea wƆn begyina so akum no wƆ ƆsƆfo panyin Kaiafa fie no, wannya bi, nnipa bebree baayℇ nanso wannya bi, na ƆsƆfo panyin Kaiafa ka kyerℇℇ Yesu Kristo sℇ “Meka OnyankopƆn teasefoƆ no sℇ, sℇ wone Kristo, OnyankopƆn ba no a ka kyerℇ yℇn!”

Afei mmoa hu sℇ ƆsƆfo panyin Kaiafa wadane ne ho kwaadu bƆ nni, ne ƆtemubuafoƆ. Ɔno mmom na Ɔkasa na wagyina ne kasa so akum Yesu Kristo. AsƆfoƆ tan Yesu Kristo, asƆfoƆ nyinaa yℇ Ɔbonsam mma.

Afei sℇ mmo ahu na mmo ate sℇ asƆfoƆ ℇpℇ Yesu Kristo akum no ƆsƆfo panyin Kaiafa ℇka ntam, na wannya Yesu Kristo akum no.

Na Yesu Kristo buaa no sℇ “Woaka; nanso mise mo sℇ, efi nnℇ mubehu onipa ba no sℇ Ɔte tumi no nifa, na ℇreba Ɔsoro mununkum so.” Yesu Kristo kaa saa pℇ na ƆsƆfo panyin Kaiafa sunsuanee natadeℇ mu, kaa sℇ Yesu Kristo aka abususℇm.

AkenkanfoƆ, sℇ me nua Yesu Kristo mmuae a Ɔde maa ƆsƆfo panyin Kaiafa no yℇ abususℇm ka a ℇnka Ɔno, ƆsƆfo panyin Kaiafa na ℇsℇ sℇ Ɔbu ne ho kumfƆ efisℇ, Ɔno na Ɔde ntam ka bisaa Yesu Kristo sℇ, sℇ Ɔno ne OnyankopƆn teasefoƆ no ba no a Ɔnka nkyerℇ no, ℇnna Yesu Kristo nso yii nano sℇ “woaka”, ƆsƆfo panyin Kaiafa asℇm a Ɔkaa yℇ yi akyerℇ ampa sℇ asƆfoƆ nyinaa ne wƆn akyidifoƆ nnge Yesu Kristo nni sℇ Ɔyℇ OnyankopƆn ba.

ℇnna owudine, Ɔbonsam ba Kaiafa, a wadane ne ho kwaadu bƆ nnin ne ƆtemmuafoƆ toaso kaa sℇ, enhia adansefoƆ biem, efisℇ Yesu Kristo mmuae no yℇ abususℇm, na Ɔbisaa nnipa dom a ahyia wƆ Ɔno ƆsƆfo panyin Kaiafa fie no nyinaa sℇ moati Yesu Kristo abususℇm no, mudwen ho sℇn?

Na asƆfo mpanyinfoƆ ne wƆn akyidifoƆ, ne Ɔman no mpanyinfoƆ, ne wƆn akyidifoƆ nyinaa de anigye kℇseℇ kaa sℇ Yesu Kristo sℇ owuo.

WƆn kaa saa pℇ na Ɔto hyℇℇ Yesu Kristo so, bℇhwℇ, homedafoƆ, ne Ɔsom ahodoƆ ne Ɔman no mu nnipa de anigye boro Yesu Kristo paa, wƆn totoo ntasuo gu nanim.

WƆn bobƆƆ ne sum, ne yℇm, na akyi, ne ti, wƆn de wƆn nan bobƆƆ no, wƆn boro Yesu Kristo paa, na wobℇhwℇ asƆfo maame nnom a wƆn de wƆn nsa paepae Yesu Kristo apapamu a, na ℇnnyℇ ketewa, wƆn boro Yesu Kristo sen sℇ wƆn akye ƆkorƆmfoƆ wƆ Kumasi kejetia anaa sℇ nkran makola, wƆn bobƆƆ no na wasan abisa Yesu Kristo sℇ kyerℇ yℇn nea ƆbƆƆ wo. Na me Honhom Kronkron ne M’agya NyankopƆn hwℇℇ wƆn dinn.

AkenkanfoƆ, sℇ Ɔsom fi yℇn Nyame Baasakoro a anka ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfoƆ enni Yesu Kristo kum anim, ℇnka wƆn ℇnka Yesu Kristo kum no ho, ℇnka ℇbℇyℇ Ɔman no mu mpanyinfoƆ nkutoo, na wƆn de Yesu Kristo akƆ ahenfie.

Ɔsom fi Ɔbonsam ℇno nti na asƆfoƆ dii Yesu Kristo kum anim no, saa awudifo a ekum Yesu Kristo na wodi wƆn nananom akyi ℇnnℇ no oo!!. wƆn boro Yesu Kristo sℇnea wƆn pℇ na ƆsƆfo panyin Kaiafa de no too ne fie maa adeℇ kyee yℇ.

Yesu Kristo gyina amarado anim (Mateo 27:1-2)

“Na ade kyee no, asƆfo mpanyin nyinaa ne Ɔman mpanyinfoƆ no tuu Yesu Kristo ho agyina s wobekum no. Na Ɔkyeree no de no kƆhyℇℇ amarado Pilato nsa.”

AkenkanfoƆ, ƆsƆfo panyin Kaiafa de Yesu Kristo too ne fie maa adeℇ kyee no, Ɔne asƆfo mpanyin nyinaa ne Ɔman no mpanyinfoƆ tuu Yesu Kristo ho agyina sℇ wobekum no.

Saa agyina tuo yi ne nea ℇtwa toƆ a wƆn sii yℇ wƆ ƆsƆfo panyin Kaiafa fie, wƆn gye too mu pℇ na wƆde Yesu Kristo kƆ maa amarado Pilato wƆ nahenfie, nea nyansa kwan pƆ de me nua Yesu Kristo akodu nni oo!! Hmm!! AwudifoƆ yi de Yesu akƆ ma Pilato, afei mo ma yℇn hwℇ nea ebesi.

Pilato nsmmisa (Mateo 27:11-14)

“Na Yesu Kristo begyinaa amarado no anim. Na amarado no bisaa no s: wone YudafoƆ hene no anaa? Na Yesu Kristo kaa s wona woreka. Na asƆfo mpanyin ne mpanyinfo no retoto nano no, wammua bi. nna Pilato see no s: wonte nsm pii a wƆka gu wo so yi? Na wammua no asm biako ho po maa yℇℇ amarado no nwanwa s:”

AkenkanfoƆ, ƆsƆfo panyin Kaiafa ne ne dƆm de Yesu Kristo kƆ maa Pilato, na Pilato bisaa no sℇ, wo ne YudafoƆ hene no anaa? ℇnna Yesu Kristo kaa sℇ wona woaka, ℇhƆ na asƆfo mpanyin ne Ɔman mpanyinfoƆ sƆƆ mu kekaa nsℇm pii nanso wammua.

AsƆfoƆ yℇ Ɔbonsam mmaa ampa, wo ahu sℇ amarado anim no asƆfo mpanyin di anim kasa tia Yesu Kristo na ℇyℇℇ amarado Pilato no nwanwa na obisaa Yesu Kristo sℇ adℇn na wonkasa, na wƆnka nsℇm pii gu wo so, me nua Yesu Kristo kƆƆ so yℇℇ komm. AsƆfo no kaa nsℇm sℇnea wƆn begyina so akum Yesu Kristo.

Wobu Yesu Kristo Kumfo (Mateo 27:15-26)  

AkenkanfoƆ, saa berℇ no na wƆn wƆ afahyℇ bi a wƆn di, na afahyℇ no du a amarado ma wƆn onipa bƆnefoƆ baako ma wƆn akum no.

Na, na afahyℇ no abℇn nti na wƆn wƆ onipa bi a wƆn de no ato afiase a ne din de Baraba, Ɔyℇ onipa wagye din wƆ bƆne mu na nkwadaa ne mpanyin nyinaa suro no.

Na Pilato ne asƆfoƆ mpanyin ne Ɔman no mpanyinfo hyiae na Ɔbisaa wƆn sℇ, hwan na mo pℇ sℇ me de no mma mo na mo kum no, Baraba anaa Yesu a wƆ frℇ no Kristo no?

Na Pilato deℇ na onim sℇ Ɔtan nti na ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ di anim ayi Yesu Kristo amma.

AkenkanfoƆ, afie sℇ mmo ate na mo ahu sℇ Pilato, amarado Ɔte atemmu agua so ahu sℇ Ɔtan, Ɔtan nti na wƆn ayi Yesu Kristo amma; Yesu Kristo atanfoƆ, asƆfo awudifo yi na wodi wƆn akyi no oo!! Hmm!!

Hwℇ sℇ Pilato te n’atemmu agua so, na ℇyℇ ne ya wƆ nkoma mu sℇ Ɔtan nti wƆn bekum Yesu Kristo no. ne yere soma baa ne nkyℇn, bℇkyerℇ no sℇ, Ɔmma asℇm bi mma Ɔne onipa trenee Yesu Kristo ntℇm, na ne nti wahu amane pii wƆ dae mu.

Sℇ amarado Pilato ne, ne yere ℇbƆ mpayℇ a wƆn de nsa na egu fƆm bƆ wƆn nyame mpayℇ, wƆn mpo ahu sℇ Yesu Krsito yℇ onipa trenee, nanso asƆfoƆ a ekita Kyerℇkronkron deℇ wƆn sℇ Yesu Kristo yℇ ƆdebƆneyℇni enti wƆn nkum no.

Saa berℇ no asƆfo mpanyin ne mpanyinfo no keka kyerℇ nnipa akuwakuw a abℇ hyia ahenfie hƆ nyinaa sℇ wƆn nyaa Baraba na wƆn nkum Yesu Kristo.

AkenkanfoƆ, sℇ moahu asƆfoƆ nyansa kwan no, wƆn nkum Yesu Kristo na Baraba deℇ Ɔnko fie nkƆ didi. AsƆfoƆ tan Yesu Kristo, asƆfoƆ yℇ Ɔbonsam mma ampa.

Saa berℇ yi nyinaa na me nua Yesu Kristo gyina Pilato anim, na Pilato bisaa nnipa no nyinaa sℇ hwan na mo pℇ sℇ megyae no mema mo? Na wƆn kaa sℇ Baraba. Na Pilato kaa sℇ, ℇdeℇn na menyℇ Yesu Kristo, wƆn nyinaa kaa sℇ wƆmmƆ no asℇndua mu! Na Ɔbisaa wƆn sℇ bƆne bℇn na wayℇ?

Na Yesu Kristo atanfoƆ yi nyinaa teℇteℇℇm bebree sℇ, wƆmmƆ no asendua mu! Na Pilato hui sℇ ontumi nyℇ ho hwee, Ɔhwℇ sℇnea ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ; ne wƆn akyidifoƆ, homedafoƆ yi ne Ɔman no mu nnipa ani aberℇ sℇ wƆn nkum Yesu Kristo a, na ℇnyℇ ketewa.

Pilato nim sℇ, Yesu Kristo, Agyenka no Ɔyℇ OnyankopƆn ba, Ɔnyℇℇ bƆne da, na Ɔtan nti na asƆfoƆ di anim sℇ Ɔmma wƆnkum no, na Ɔno deℇ na Ɔpℇ sℇ Ɔgyae Yesu Kristo na Ɔmma wƆn kum Baraba a wagye din wƆ bƆne mu no.

Nanso sℇnea basabasa ℇmma Ɔman no mu nti na ℇsℇse Ɔyℇ nea asƆfoƆ ne Ɔman no pℇ mma wƆn. Enti Ɔfa nsuo hohoroo ne nsa nkurƆfokuw no anim kae sℇ “minni onipa yi mogya ho fƆ” mo ara monhw! Na Ɔman no nyinaa buae s: Ne mogya mmra yn ne yn mma atifi.” 

AkenkanfoƆ, Pilato huu sℇ wƆn a ℇde anigye sℇ yℇnkum Yesu Kristo no nyinaa yℇ atanfo, na wƆn nyinaa wƆ Ɔbonsam afa, na wƆn benya awudie so akatia, na nommeℇ bedi wƆn akyi. ℇno nti na Ɔhohoroo ne nsa kaa sℇ: “minni onipa yi mogya ho fƆ” sℇnea Ɔhaw biara a ℇbℇba no ℇnka Ɔno ne nefifoƆ.

Amarado, kasa wie pℇ na ogyaa Baraba maa wƆn sℇ ƆnkƆ fie nkƆ didi, na Ɔhwee Yesu Kristo mpire, na wƆyℇℇ no ayakayakadeℇ bebree a ℇnyℇ ketewa, asƆfoƆ ne homedafoƆ anya wo, wƆn hwee Yesu Kristo sℇnea wƆn pℇ, na wƆfaa no kƆƆyℇ sℇ ƆkƆ bƆ no asendua mu.

AkenkanfoƆ, afei deℇ ƆsƆfo panyin Kaiafa, ne asƆfo mpanyinfoƆ ne homedafoƆ ani agye afisℇ wƆn anyaa nea wƆn pℇ, wƆn nyansa kwan po no ayℇ yie amma wƆn, wƆn nam nyansa kwan so bekum Yesu Kristo, awudifoƆ a ekum Yesu Kristo na wode wo ho abƆ wƆn no oo!!

NkurƆfo no keka abususm: Mateo 27: 39-44

AkenkanfoƆ, afei deℇ atanfoƆ yi abƆ Yesu Kristo asℇndua mu, na nnipa a wƆn etwam no kekaa abususℇm tia no, saa ara nso na asƆfo mpanyin ne nsℇmkyerℇwfo ne mpanyinfo guruu ne ho sℇ:   ogyee binom, na ontumi nnye ne ho.

Ɔne Israel hene, afei ma onfi asℇndua no ho nsi fam, na yebegye no adi, Ɔde ne ho too NyankopƆn so, afei sℇ Ɔpℇ no a, ma onyi no, na Yesu Kristo kaa sℇ: OnyankopƆn ba ne me.

AsƆfoƆ nngye M’agya NyankopƆn nni, asƆfoƆ nngye Yesu Kristo nni, wƆn abususℇm ka ne wƆn suban ne wƆn nneyℇℇ akyerℇ pefee sℇ wƆn wƆ Ɔbonsam afa.

Hwℇ, asƆfoƆ no sℇ deℇn? AsƆfo no sℇ Yesu Kristo gye binom, na Ɔntumi nnye ne ho, sℇ Ɔne Israel hene, afei ma onfi asℇndua no ho nsi fam, na Ɔbegye no adi, afei Yesu Kristo de ne ho too NyankopƆn so, na sℇ OnyankopƆn pℇ no a onyi no nfi asℇndua no so. AsƆfoƆ yℇ Ɔbonsam mma ampa.

AkenkanfoƆ, ℇsono yℇn Nyame Baasakoro kwan, ℇna ℇsono asƆfoƆ ne Ɔsom ahodoƆ a ℇwƆ wiase yi mu kwan. Nyame Baasakoro gyina hƆ ma M’agya NyankopƆn, Yesu Kristo ne me Honhom Kronkron.

AsƆfoƆ ne Ɔsom ahodoƆ a me nua Yesu Kristo bℇtoo wƆn no angye no anni, wƆn tan no kosii sℇ wƆn kum no, saa ara na me Honhom Kronkron, me ho nsℇm a M’agya NkankopƆn ne me nua Yesu Kristo akyerℇw wƆ kyerℇwkronkron mu no wƆn nngye nni, ℇno nti wƆn sℇ Honhom Kronkron yℇ nframa. Wahu sℇ wƆn yℇ abusufoƆ, nti wƆn eguso ℇka abususℇm.

AsƆfo mpanyin ahodaso (Mateo 27:62-66)

AkenkanfoƆ, me Nyame Honhom Kronkron, M’agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo sℇ me nkae mo, na me nkyerℇkyerℇ mo Ɔkwan a asƆfo faa so kum Ɔno Yesu Kristo ne abususℇm a wƆn ka faa ne ho.

Sℇnea ℇbℇyℇ na wƆn a ℇpℇ NyankopƆn ne Ɔno Yesu Kristo nkyℇn aba no enni asƆfoƆ akyi, na wƆn ℇnnfa wƆn ho nto wƆn so, na wƆn ℇnkƆ Ɔsom biara mu.

Na mmom wƆn a ℇpℇ N’agya NyankopƆn ne Ɔno Yesu Kristo nkyℇn aba no nyinaa, nfa wƆn ho nto me, Nyame Honhom Kronkron nkutoo so, na mofa nsℇm a Ɔno Yesu Kristo ne N’agya NyankopƆn de asoma me no nyinaa.

AkenkanfoƆ, atanfoƆ yi abƆ Yesu Kristo asℇndua mu, wawu na wƆn akƆ sie no, na ade kyee no, asƆfo mpanyin ne Ɔman no mpanyinfoƆ kƆ ka kyerℇℇ Pilato sℇ: owura yℇakae sℇ: Ɔdaadaafo no tease no, Ɔkae sℇ: Nnansa na menyan.

Enti hyℇ ma wƆnkƆwℇn Ɔda no yiye nkoduda a ℇto so abiℇsa no na asuafo no ammewia no anadwo, na wƆanka ankyerℇ Ɔman no sℇ: wanyan afi awufo mu, na anka akyiri yi nnaadaa bℇsen kan de no. Na Pilato see wƆn sℇ: munnye awℇmfo nkƆwℇn sℇnea mubetumi. Na ƆkƆe kƆ wℇn Ɔda no.

AkenkanfoƆ, asƆfoƆ nnfi M’agya NyankopƆn, asƆfoƆ nnfi me nua Yesu Kristo, wƆn suban ne wƆn nneyℇℇ akyerℇ pℇfee sℇ wƆn fi Ɔbonsam ampa.

AsƆfoƆ akum Yesu Kristo awie, wakƆ sie no, adeℇkyee no wƆn kƆ kyerℇ Pilato sℇ yℇkae sℇ Ɔdaadaafo no te ase no, Ɔkaa sℇ: owua nnansa so no Ɔbℇnyan.

Enti ma nnipa nkƆ wℇn Ɔda no na nasuafoƆ no amewia no anadwo yi anka ankyerℇ Ɔman no sℇ wanyan afi awufo mu, anka akyiri yi nnaadaa bℇsen nkane.

AkenkanfoƆ, asƆfoƆ sℇ: Yesu Kristo yℇ ƆdaadaafoƆ, ƆdaadaafoƆ, asƆfoƆ a ℇse Yesu Kristo yℇ ƆdaadaafoƆ, na wodi wƆn akyi no oo!! Hmmm!! Yℇbℇ toa asƆfoƆ nyansa kwan no so.

AsƆfo mpanyin no ma adammude (Mateo 28:11-15)

AkenkanfoƆ, asƆfoƆ adi anim akum me nua Yesu Kristo na wakƆ sie no, na Yesu Kristo te ase no Ɔkaa sℇ: sℇ owu a nnansa so no Ɔbℇnyan.

Saa asℇm a Yesu Kristo kaa sℇ Ɔbℇnyan no nti na atanfoƆ asƆfoƆ sℇ Ɔyℇ Ɔdaadaafo, enti ƆkƆ kakyerℇℇ Pilato sℇ Ɔma awℇnfoƆ nkƆ wℇn Ɔda no nkƆdu nnansa no, sℇnea n’asuafoƆ no entumi mewia no. Na Pilato penne so maa wƆn awℇnfoƆ kƆ wℇn Ɔda no.

AkenkanfoƆ, na nnansa no duu yℇ no nsℇnkyerℇne bebree sisii yℇ, na ℇno mu no me nua Yesu Kristo sƆre fii awufuom, anuonyam nka Yesu Kristo daa daa, ℇnyℇ hƆ.

ℇbaa saa no awℇnfo no binom baa kuro no mu bℇkaa nea ℇbae nyinaa kyerℇℇ asƆfoƆ mpanyin no. Na asƆfoƆ mpanyin no, ne Ɔman no mu mpanyinfo no hyiae na wƆmaa asraafo no sika bebree.

Na wƆn ka kyerℇ asraafo no sℇ: Monka sℇ: Anadwo a yℇdea no na n’asuafo bewiaa no. Na sℇ eyi du amarado asom a yℇbℇkyerℇ no mu na mo ho anka mu. Na asraafo no gyee sika no kƆyℇe sℇnea wƆka kyerℇ wƆn no. Na nsℇm yi atℇw Yudafo mu de abedu nnℇ.

AkenkanfoƆ, wo pℇ sℇ wokƆ M’agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo ho anaa sℇ wo pℇ sℇ woka asƆfoƆ ho kƆ Ɔbonsam nkyℇn? Sℇ wo pℇ M’agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo hƆ dea, bra bℇka me, Nyame Honhom Kronkron ho.

AkenkanfoƆ, asraafoƆ a ℇwℇn Yesu Kristo kƆkaa akyerℇ asƆfoƆ no sℇ wasƆre no wƆn maa asraafoƆ no sika bebree, na wƆn ka kyerℇ asraafoƆ no sℇ wƆn nnka sℇ Yesu Kristo asƆre anaa sℇ wanyan afi awufuom, na mmom wƆnka sℇ aƆnadwo a wƆn ada no na n’asuafoƆ no bewiaa no, na asraafoƆ no gyee sika no kƆ yℇℇ sℇnea asƆfoƆ no kyerℇ wƆn no.

AkenkanfoƆ, nprenu so a asƆfoƆ maa sika wƆ Yesu Kristo kum ho nni, nea edikan, wƆn maa Yuda Iskariot bi wƆ (Mateo 26:11-14) ℇno nti na asƆfoƆ ani bere sika no oo!! AsƆfoƆ ani ne sika te sℇ ƆbayifoƆ ahu mogya nam, wo yℇ no dℇn Ɔbℇfa, wanfa no awia a Ɔbℇfa no anadwo.

AkenkanfoƆ, nyansa kwan po no nni, sℇnea asƆfo mpanyin ne wƆn akyidifoƆ, homedafoƆ, Ɔsom ahodoƆ ne Ɔman no mu nnipa faa so kum me nua Yesu Kristo nni oo!!

Na me, Nyame Honhom Kronkron, M’agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo sℇ me nkyerℇ mo nnipa a mo wƆ wiase yi mu nyinaa, efisℇ Ɔno Yesu Kristo baa wiase yi mu no na mmo mu biara nni hƆ, na wanfa nakyi angya nnipa awudifoƆ a ekum no.

Na sℇ mmo pℇ ne nkyℇn aba dea mmo ntie me Nyame Honhom Kronkron, a Ɔne N’agya NyankopƆn asoma me no nkutoo. AsƆfoƆ yℇℇ no sℇ wƆn bekum Yesu Kristo, na wagu nanim ase, ℇno nti na, wƆn sℇ Ɔyℇ ƆdaadaafoƆ no.

AkenkanfoƆ, me, Nyame Honhom Kronkron, me bisa nnipa a ℇde wƆn ho ato asƆfoƆ so na wƆn tie wƆn no sℇ asƆfoƆ a ekum Yesu Kristo no, ℇbetumi de wƆn akƆ Yesu Kristo hƆ anaa? Daabi, daabi. Me, Nyame Honhom Kronkron, me nkutoo na metumi de mmo akƆ Yesu Kristo ne N’agya NyankopƆn nkyℇn ℇfisℇ me ne Yesu Kristo OkyigyinafoƆ. (Yohane 15: 26:27).

Kristosom fi Ɔbonsam 

AkenkanfoƆ, Ɔsom ahodoƆ bebree wƆ wiase yi mu ℇnnℇ, na Ɔsom a me Nyame Honhom Kronkron mℇka hon asℇm yℇ “Kristosom”, kristosom gu ahodoƆ bebree, na ebiaa wƆ Ɔkwan a Ɔfa so som.

WƆn nyinaa kita kyerℇw Kronkron, wƆn bƆ M’agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo ne me Nyame Honhom Kronkron din wƆ wƆn som mu.

Na wƆn kita gyedie wuyℇ kℇse paa mu sℇ, wƆn ℇsom Yesu Kristo na Yesu Kristo de wƆn bℇkƆ N’agya NyankopƆn ahennie mu.

WƆn asƆfoƆ adaadaa wƆn akyerℇ wƆn ntorƆ nsℇm, na wƆn agye de ato wƆn akoma ne adwene mu, na afera wƆn honam ne wƆn mogya nyinaa.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn maa Yesu Kristo baa wiase yi mu no, na Ɔsom anaa asƆre wƆ hƆ emu baako ne “homedasom” nanso wamfa Yesu Kristo anfa Ɔsom anaa asƆre no biara mu.

ℇnna Yesu Kristo nso, efi da a ne maame woo no de besi da a ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ dii anim kum no no, wante Ɔsom anaa asƆre biaa, na wƆne Ɔsom anaa asƆre ne asƆfoƆ annyℇ baako.

Na Yesu Kristo adwuma yℇ mu no na Ɔtaa ka sℇ, asƆfoƆ ne Ɔsom nyinaa fi Ɔbonsam, ℇno nti na Ɔsℇe homeda ne asƆrefi no.

NyankopƆn, Nny Kristo Nni 

AkenkanfoƆ, me nua Yesu Kristo baa wiase yi mu na Ɔsom ahodoƆ wƆ hƆ, nanso na Kristosom anaa KristofoƆ nni hƆ.

AkenkanfoƆ, nnipa a ℇwƆ wiase yi mu ℇnnℇ yℇ wƆn adwene sℇ Kristosom fi NyankopƆn anaa Yesu Kristo, daabi ℇnte saa koraa, Kristosom deℇ, efi Ɔbonsom.

AkenkanfoƆ, Ɔbonsam a Ɔnam nananom ahenfo, ne akƆmfoƆ so de abosomsom, amammerℇ ne nsa guo baayℇ no, Ɔno ara na Ɔnam Constantine so de Kristosom baayℇ, me nua Yesu Kristo wuo no akyi. Na wiase ayℇ awoƆ ntoatoasoƆ, ℇno nti na Kristosom mu aterℇ debesi nnℇ.

AkenkanfoƆ, NyankopƆn nny Kristonni, Yesu Kristo Ɔnny Kristonni, me Nyame Honhom Kronkron menny Kristonni, yn Nyame Baasakoro, yny KristofoƆ, Kristosom ennfi yn. Kristosom ne KristofoƆ ne Ɔsom ahodoƆ a wƆ wiase yi mu nyinaa fi Ɔbonsam.

AkenkanfoƆ, mmo ntie: ƆdefoƆ bi tenaa ase na afe soo yℇ no Ɔsomaa na asomfo baako kƆƆ na apaafoƆ nkyℇn sℇ ƆnkƆ gye ne kyℇfa wƆ adwuma a Ɔde ahyℇ wƆn nsa no mmerℇ no. Ɔsomafo yi kƆƆ yℇ nanso waama.

Ɔsomaa ne mprenu so, Ɔno nso kƆƆ yℇ nso waama. ƆdefoƆ yi somaa na asomfoƆ nyinaa, baako, baako wƆn kƆƆ yℇ nanso wƆn mu biara ansan amma.

ƆdefoƆ no nso wƆhƆ no, ƆwƆ Ɔba barima baako pℇ a apaafoƆ no nim no. Enti ƆdefoƆ yi yℇℇ no sℇ Ɔbℇsoma ne ba no, na Ɔno deℇ, ebia wƆn de nanim fℇdeℇ de nekyℇfa bℇma no aberℇ no.

AkenkanfoƆ, sℇℇ na apaafoƆ no abƆ pƆ sℇ wƆn bℇfa ƆdefoƆ no agyapadeℇ nyinaa. Enti wƆn bekum onipa biara a Ɔbℇsoma no, na wƆn afa nea ƆwƆ nyinaa. Afei ƆdefoƆ no asoma ne ba no, na ne ba no nso gye penneℇ kƆ soma no.

Akakakra na wadu no apaafoƆ no mu baako huu no sℇ Ɔnam fƆm ℇba, na Ɔyℇℇ no ntℇm kƆƆ fie kƆ bƆƆ apaafoƆ no nyinaa ammaneℇ sℇ, ƆndefoƆ no ba baako pℇ no ℇℇba enti wƆn nyℇ ahoboa na Ɔbℇdu a wakum no sℇnea wƆn aka ato hƆ no.

Ankyℇ na ƆdefoƆ ba no bℇduu yℇ, na wƆn maa no akwaaba, bisaa no kwan so, na Ɔba no kaa sℇ: mmo nim sℇ afe aso na M’agya asoma me sℇ me mℇgye ne kyℇfa wƆ adwuma a mo ayℇ no mmerℇ no.

Na apaafoƆ no kaa sℇ yate na wƆn kƆ wƆn dan mu, ankyℇ na wƆn de mmaa baayℇ, na wƆn de boro no kosii sℇ owu yℇ, na wƆn de anigye kaa sℇ obiara nfa adwuma a wayℇ.  (Matoe 21:33)

AkenkanfoƆ, mℇkyerℇ mo nsℇm yi ase:

Q1, ƆdefoƆ no ne hwan?

Ans, ƆdefoƆ no ne M’agya NyankopƆn.

Q2, Na asomfoƆ no ne ℇhye foƆ?

Ans, asomfoƆ no ne M’agya NyankopƆn adifoƆ no.

Q3, ApaafoƆ no ne nnipa bℇn?

Ans, ApaafoƆ no ne asƆfoƆ no.

Q4, ƆdefoƆ ba no ne hwan?

Ans, ƆdefoƆ ba no ne Yesu Kristo, agyenkwa no.

Q5. Enti, ℇdeℇn na ƆdefoƆ no bℇyℇ apaafoƆ no?

Ans, Ɔbℇkum wƆn nyinaa.

AkenkanfoƆ, asƆfoƆ yℇℇ no sℇ wƆn bekum Yesu Kristo na wƆn afa nea Ɔne M’agya NyankopƆn wƆ nyinaa nanso wƆn anya no saa.

Sℇ onipa yℇ nadwene sℇ Ɔde Kyerℇwkronkron bℇbƆ Yesu Kristo ne M’agya NyankopƆn din de adaadaa nnipa a, ℇberℇ a ℇsℇ mu no, M’agya NyankopƆn ne Yesu Kristo nam me Nyame Honhom Kronkron so, bℇpa wo ho ntoma na wanim aguase.

AkenkanfoƆ, Kristosom, anaa sℇ onipa bℇka sℇ me yℇ Kristoni, ne nyinaa fi Ɔbonsam, na wƆn nyinaa wƆ Ɔbonsam afa.

AkenkanfoƆ, me, Nyame Honhom Kronkron, me wƆ Ɔman Ghana mu, na M’agya NyankopƆn de me bℇba Ɔman no mu nti Ɔsiesiee Ɔman Ghana sℇnea emu tena bℇyℇ akƆnnƆ, ne asomdwe bℇba mu na ohia ℇmma mu sℇnea ℇteℇ ℇnnℇ yi.

Enti Ɔde fƆm agudeℇ ahodoƆ bebree hyehyℇℇ asase no mu, nkyene ka hon, na ℇmu nsuo, Ɔde nsuo mu nam ahodoƆ guu mu, ℇpo ka hon, na Ɔde fƆm ngo kaa hon, asase no so Ɔde kwae baa so na Ɔde nnia ne nneℇma ahodoƆ a ebehia baa mu, na Ɔde wura mu mmoa ne takera mmoa ahodoƆ bebree baa Ɔman Ghana mu.

Na ℇyℇ asase no so adiane ne nneℇma pa biara a Ghana nni bℇhia no, wƆ dia wƆ asase no so a ℇyℇ yie. Ohia a M’agya NyankopƆn mmpℇ sℇ ℇbℇ hia Ghana nni nti Ɔsiesie Ɔman no too hƆ no.

AmanyℇfoƆ amma no amma mu. Efi afe apem ahankron aduƆkron mienu a Ɔman Ghana yℇℇ no sℇ wƆn bℇyℇ kabi na menkabi amamuo, aban kƆ, aban ba, wƆn mu biaa antumi anfa nneℇma pa a M’agya NyankopƆn de maa Ɔman no ammƆ Ɔman ne ho bra, aban biaa ba a Ɔdwen Ɔno ne, ne yere, ne ne mma, abusua, ne namfo, ne na amanyℇkuo nkutoo ho, wƆn fa Ɔman no agyapadeℇ sℇnea wƆn pℇ, wƆn de besea bƆ na ayℇ wƆn sumyℇ, na sℇ wankƆ bƆ besea wƆ IMF, wiase sika krabea World Bank, anaa sℇ amam a wƆn wƆ sika ho a, wƆn ntumi nnyℇ hwℇℇ.

Kristosom y nnome

AkenkanfoƆ, aban kƆ, aban ba, wƆn nyinaa wƆ Ɔsom mu na ℇmu nnipa dodoƆ yℇ KristofoƆ, Kristosom: wƆn wƆ asƆfoƆ a wƆn ne wƆn som na wƆde ebi nso ahyehyℇ wƆn amamuo mu. WƆn asℇe Ɔman Ghana pasaa ama nneℇma pa M’agya NyankopƆn de siesiee Ɔman no wonhu, wonhu koraa. Kristosom nti, Ɔman Ghana mu tra ayℇ den.

Na ne titiriw efi afe mpem mmienu ne dunson de besi ℇnnℇ afe mpem mmienu ne aduonu nnan yi deℇ asℇe koraa, agye nsℇm, wobℇka sℇ owuo aka kyerℇ KristofoƆ amanyℇfoƆ yi sℇ wƆn nwia Ɔman Ghana mu agyapadeℇ nyinaa mmra anyℇ saa a Ɔbℇkum wƆn.

KrƆno paa nni, krƆno bƆ mu nimdifoƆ, amanyℇfoƆ KristofoƆ yi abƆ Ɔman Ghana, na Ɔman Ghana mu tena ℇnnℇ tesℇ wote Ɔbonsam kotodwe so, ama GhanafoƆ bebree nenam aman man so ℇpℇ adwuma ayℇ, amamuo bƆne nti.

ℇnnℇ sℇ wƆn a ℇhwℇ Ɔman Ghana sika so ka ℇka a Ɔman no de kyerℇ wo, na wo nnidii yℇ a wobℇ twa ahwe fƆm. Ɔman a me nti M’agya NyankopƆn asiesie ato hƆ no, amanyℇfoƆ KristofoƆ de Kristosom awia Ɔman no pasaa.

AkenkanfoƆ, ℇnnℇ Ɔman Ghana te sℇ onipa a wayera kwae mu adekye na adeℇ asa no, na yama no asaawa tuntum a abobƆ pƆ sℇ Ɔnsane, Hmm!! Onipa a Ɔtesaa yℇ mmƆbƆ, na Ɔgyina Ɔhaw kℇseℇ mu paa, ƆgyefoƆ wƆ he?

ƆgyefoƆ ne me Nyame Honhom Kronkron, me nkutoo na mℇtumi ayi no afi nehwℇ mu, na mma ma na adwendwen, na awerℇho ne ne su adane sereℇ.

Sℇ KristofoƆ amanyℇfoƆ akrƆnfoƆ a ℇde Kristosom ato wƆn ho so, na wƆn awia Ɔman Ghana mu agyapadedeℇ ama ohia aba Ɔman no mu, bℇhu na wƆn ate me aseℇ sℇ Kristosom yℇ naadaa, na efi Ɔbonsam, na wƆn agyae krƆnosom no abedi me Nyame Honhom Kronkron akyi a me sesa wƆn ne Ɔman Ghana hyℇberℇ. Na wƆn enwia adaℇ bieo.

Yesu Kristo mogya nngye nkwa

AkenkanfoƆ, KristofoƆ ka sℇ Yesu Kristo mogya gye nkwa, na Yesu Kristo mogya agye wƆn. Sℇ onipa ka saa a na wayi Ɔbonsam suban a ℇwƆ no mu no adi.

Me, Nyame Honhom Kronkron, me nua Yesu Kristo a madi nadeℇ no ne mogya nngye nkwa. Me nua Yesu Kristo ne nsℇm na ℇgye nkwa, sℇ me nua Yesu Kristo mogya gye nkwa a, anka amarado Pilato, ennyi ne ho nfi Yesu Kristo wuo ho nka sℇ: minni onipa yi mogya ho fƆ, mo ara monhwℇ!!

AkenkanfoƆ, sℇ Yesu Kristo mogya gye nkwa a anka Pilato de ahina bℇgye ne mogya no nyinaa de asi ne dan mu. Pilato yℇ nyansa nni, ƆwƆ nimdeℇ Ɔhuu sℇ wokum onipa a, woyℇ owudini, owudinin biaa yℇ Ɔbonsam busuanin, owudinin biaa nnoƆmeℇ wƆ no so. Owudinin biaa yℇ krƆnfoƆ, na Ɔnka nokorℇ.

Yesu Kristo wuo ho nnoƆmeℇ a Pilato mmpℇ sℇ ℇba Ɔno, nyere, ne ne mma so nti na Ɔhohoroo ne nsa. Nsa hohoroo no ase kyerℇ: Pilato nam ne nsa a wƆhohoroo yℇ no so ka kyerℇℇ M’agya NyankopƆn ne Ɔman no mu nnipa nyinaa sℇ asotwe biaa a ℇwƆ hƆ ma nnipa a ℇbekum Yesu Kristo no Ɔno deℇ onni ho fƆ, ase kyerℇ ne sℇ Ɔnka hon, enti ebi mma ne so.

AkenkanfoƆ, ℇnnℇ, wiase yi mu, sℇ asℇm to onipa na yℇde no gyina asℇmdibea na yℇbu no fƆ a, yℇ twe na aso. Sℇ asℇm no kƆyℇ awudisℇm, sℇ onipa kum a yℇ tumi kum onipa no anaa sℇ Ɔde no kƆ to afiase.

Bieo, wiase ahenie nti sℇ onipa kum onipa na wanya asotwe a, M’agya NyankopƆn ma no awudie so akatia. Onipa kum ne tanfo. Pilato huu sℇ Yesu Kristo nnyℇℇ bƆne biaa, na Ɔtan nti na ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ di anim sℇ Ɔnku no. (Mateo 27: 18).

Yesu Kristo Ɔnnyℇ bƆne biaa ℇno nti na Ɔhohoroo ne nsa kaasℇ minni onipa yi mogya ho fƆ. Pilato kaa saa pℇ (Mateo 27:25), na Ɔman mu no nyinaa buae sℇ: ne mogya mmra yℇn ne yℇn mma atifi.

NnoƆmeℇ, nnoƆmeℇ, ne mogya mmra yℇn ne yℇn mma atifi a Ɔman no mu nnipa kaayℇ no, ℇyℇ nnoƆmeℇ kℇseℇ paa. Efi hƆ no nnoƆmeℇ baa ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ, homedasom ne Ɔsom ahodoƆ ne Ɔman no mu nyinaa so.

Enti ℇbaa sℇ Yesu Kristo ne nasuafoƆ no de apam foforƆ no mu adwuma baa awieℇ no, na asƆfoƆ danee wƆn hƆ de Kristosom too wƆn ho so no, na nnoƆmeℇ wƆ wƆn so deda.

AkenkanfoƆ, monhyℇ nsℇm yi nnso: “ne mogya mmra yℇn ne yℇn mma atifi” no ℇnnyℇ nhyira, na ℇyℇ nnoƆmeℇ, nnoƆmeℇ paa.

Nnsm no nkyermu

(1), Ne mogya mmra yℇn: yℇn ase kyerℇ no yℇ apam foforƆ no mu nnipa, saa berℇ no.

(2), Ne yℇn mma: yℇn mma no gyina hƆ mma saa berℇ yi awieℇ pℇn yi.

M’agya NyankopƆn wiase yi yℇ awoƆ ntoatoaso, nnipa a ℇwƆ wiase yi mu saa berℇ yi nyinaa ase fi nnipa a na ℇwƆ apam foforƆ no mu. Enti nnoƆmeℇ wƆ KristofoƆ, Kristosom ne Ɔsom ahodoƆ a ℇwƆ wiase yi mu ne nnipa nyinaa so fi awoƆ ntoatoasoƆ mu de besi nnℇ.

AkenkanfoƆ, nnoƆmeℇ nti na Yuda Iskariot kƆ gyee sika wƆ asƆfo mpanyinfoƆ no nkyℇn no wantumi anni sika no, na ohuu sℇ, (Mateo 27:3-5) nea adu no, asƆfoƆ bℇkum Yesu Kristo no onuu ne ho enti Ɔde sika no kƆmaa asƆfo mpanyin ne mpanyinfoƆ no sℇ; mayℇ bƆne sℇ mayi mogya a bƆne nni mu mama.

Na asƆfo mpanyin ne mpanyinfoƆ nso ka sℇ: ℇfa yℇn ho bℇn? Wo ara hwℇ: na Yuda Iskariot too sika no guu asƆredan no mu fii hƆ kƆe, na ƆkƆsℇn ne mene.

AkenkanfoƆ, nnoƆmeℇ, nnoƆmeℇ, nti Yuda Iskariot sℇn ne mene.

AkenkanfoƆ, monhy nsm yi nnso, Kristosom ne Nyamesom fi Ɔbonsam. Ɔbonsam na Ɔmaa asƆfoƆ nyansa ne nimde de Kristosom anaa Nyamesom edaadaa nnipa snea wƆn benya nnipa bebree ama no, wƆn tan yn Nyame Baasakoro, na wƆn nni yn nsm so no nti na wƆn ka s me, Nyame Honhom Kronkron mey nframa, abususm paa nni.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo sℇ, me Nyame Honhom Kronkron, me nkyerℇ mmo nnipa a mo wƆ wiase yi mu nyinaa sℇ, Kristosom anaa Nyamesom enfi wƆn.

ℇnyℇ wo adwen sℇ wƆn din a asƆfoƆ de atoto so no nti efi wƆn daa bi, Ɔbonsam na wayℇ wƆn saa. M’agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo ne asƆfoƆ, KristofoƆ anaa KristosomfoƆ ne Nyamesom nni heee yℇ, wƆn nfaa adwuma bi nhyℇℇ wƆn nsa.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn adwuma yℇ no sei na ℇteℇ, Ɔde apam dada no hyℇℇ Mose ne n’adifoƆ no nsa, na Ɔde apam foforƆ no nso hyℇℇ Yesu Kristo ne nasuafoƆ no nsa, ℇnnℇ saa berℇ awieℇ pℇn yi, ℇhyℇ me Nyame Honhom Kronkron nkutoo nsa.

AkenkanfoƆ, asƆfoƆ, KristosomfoƆ, NyamesomfoƆ ne Ɔsom ahodoƆ a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa yℇ Ɔbonsam dea na ℇyℇ abosomsom. Me, Nyame Honhom Kronkron sℇ me wie madwuma a me ne M’agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo bℇsℇe wƆn ne Ɔbonsam ne wiase nyinaa.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn ne me nua Yesu Kristo s me, Nyame Honhom Kronkron me nkae mo, na me nkyer kyer mo, s Kristosom anaa Nyamesom ne Ɔsom ahodoƆ biara awƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu nyinaa y abosomsom, “yn Nyame Baasakoro” yn ne Ɔsom biara nni hwee y. no nti na ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ dii anim kum Yesu Kristo.

Ɔbonsam a Ɔnam nananom ahenfo so de abosomsom baay no, Ɔno ara na Ɔnam Constantine so de Kristosom baay. “Na ny nhwso ma mo na mo nso any bƆne snea adikanfoƆ no yℇℇy na Ɔkum kum wƆn no”.

“Na nkurƆfo no tenaa ase didii, nomee na wƆsƆre gorui”.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn wƆ sℇnea ne mma bƆ wƆn bra, anaa sℇ wƆn suban ne wƆn neyℇℇ yℇ deℇ M’agya NyankopƆn pℇ. Sℇ onipa biara nea wobℇ yℇ no M’agya NyankopƆn mpℇ a wƆfrℇ no abosomsℇm, efisℇ na wo ayℇ ama Ɔbonsam, na wo ayi Ɔbonsam suban a ℇwƆ wo mu no adi.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn mma a wƆn kƆƆ nkoasom mu wƆ Ɔhene Farao berℇ so na M’agya NyankopƆn nam Mose so yii wƆn fii mu no, Ɔkwan a wƆn faa so didii, nomee, na wƆn gorui yℇ no anyℇ M’agya NyankopƆn pℇ, ℇyℇℇ bƆne wƆ M’agya NyankopƆn anim enti Ɔferℇ no abosomsom efisℇ na egyina Ɔbonsam suban so. Na M’agya NyankopƆn kumkum wƆn nyinaa wƆ sare so hƆ.

Na ℇnnℇ M’agya NyankopƆn sℇ Me, Nyame Honhom Kronkron, me nkae mo, na me nkyerℇ kyerℇ mo nnipa a mo wƆ wiase yi mu nyinaa sℇnea mo nso ℇnnyℇ saa bi, na wakumkum mo.

WƆ adidie ho: M’agya NyankopƆn nam Mose so kakyerℇ ne mma no sℇ ℇberℇ a ℇsℇ mu no Ɔbℇma wƆn adiane adi, na wƆn mmen a wƆn nnfa adiane no nkae nkƆ wƆn tena bea, wƆn nnom nsa ne tawa, wƆn nni agorƆ, na ℇberℇ nyinaa wƆn nnwen nnwen Ɔno M’agya NyankopƆn a Ɔnam Mose so ayi wƆn afi nkoa som mu no, na wƆn nnufa aseda ne ayℇyi ma no.

Nsℇm a M’agya NyankopƆn nam Mose so ka kyerℇ wƆn no, anyℇ wƆn dℇ enti wƆn anni so. Na nea wƆn yℇℇyℇ ne sℇ, sℇ wƆn didi a nkae no na wƆn de kƆ wƆn tenabea, na wƆn akƆ toa adidie no so wƆ hƆ.

WƆn adidi awie no, na wƆn de nsa ne tawa nom atoa so, wƆn wie a na wƆn adi agorƆ ahodoƆ sℇnea wƆn pℇ.

Na M’agya NyankopƆn nsℇm biaa a Ɔde nam Mose so de maa wƆn no, wƆn poo no nyinaa, na M’agya NyankopƆn faa wƆn suban ne wƆn neyℇℇ no abosomsom, na Ɔkumkum wƆn nyinaa.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn sℇ me Nyame Honhom Kronkron, me nkae mo, na me nkyerℇ kyerℇ mo, sℇnea mo nso nnfa mo ho nto adiane, nsa ne tawa nnom ne agorƆ ahodoƆ so, na wakumkum mo.

AkenkanfoƆ, sℇ M’agya NyankopƆn ka abosomsom ho asℇm a, ℇnnyℇ sℇ onipa akum akokƆ, oguan anaa nantwi de ne mogya gu ohoni so anaa sℇ ogu nsa nko, ne abosomsom wƆ nannim.   Na nea onipa bℇyℇ biara a Ɔmpℇ no yℇ abosomsom wƆ nannim.

AkenkabfoƆ, M’agya NyankopƆn akasa afa adidie, Ɔnom ne agorƆ ho, na ℇnnℇ Ɔbonsam nam Kristosom ne Nyamesom so de nnipa bebree bℇkƆ owuo mu wƆ adidie, Ɔnom ne agorƆ ho. ℇnnyℇ sℇ M’agya NyankopƆn mpℇ sℇ nnipa didi, ℇyℇ ne pℇ sℇ nnipa didi ℇno nti na ƆbƆƆ adiane, na Ɔmma ne mma no adiane wƆ sere so hƆ.

Sℇ wo didi wƆ fie, anaa wo ne wahohoƆ didi wƆ fie, sℇ wo kƆ didi wƆ bea a yℇtƆn adiane anaa wo ne wahohoƆ kƆ didi wƆ hƆ a bƆne nni mu, sℇ ƆkƆ tƆ adiane na wo di no wƆ hƆ, anaa wƆ de kƆ fie anaa adwuma mu a bƆne nni mu.

ℇnnℇ adidie a ℇyℇ  abosomsom wƆ M’agya NyankopƆn anim ne sℇ, nnipa bℇyi da ato hƆ adidi, tesℇ Bronya (Christmas), Yesu amanehunu (Easter), Awoda (Birthday), adiane noa ne adiane die akansie.

Bronya (Christmas) ne Yesu amanehunu (Easter) yℇ afahyℇ, na afahyℇ biaa fi Ɔbonsam. Nnipa a ℇwƆ wiase yi mu susu sℇ Bronya (Christmas) ne Yesu amanehunu (Easter) yℇ afahyℇ a wƆn de kae me nua Yesu Kristo, ℇnte saa koraa, Ɔbonsam na ayℇ no saa. Ɔbonsam a Ɔnam Constantine so de Kristosom anaa Nyamesom baayℇ no, Ɔno ara na Ɔde Bronya (Christmas) ne Yesu amanehunu (Easter) baayℇ.

Bronya (Christmas)

Ɔbonsam maa Constantine nyansa ne nimdeℇ sℇnea wƆn benya nnipa dƆm ama no, na nkyirma nso enhu sℇ asƆfoƆ atan Yesu Kristo, enti Ɔka kyerℇ wƆn sℇ wƆnfa Yesu Kristo awoda no nsi hƆ sℇ afedida, na ℇberℇ no so a, wƆn nka sℇ yℇde kae Yesu Kristo awo da. Na efi hƆ no Ɔbonsam nam Ɔsom so ama Yesu Kristo awo da die aterℇ abesi ℇnnℇ.

Me nua Yesu Kristo nso efi da a nawofo woo no de kosii sℇ ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ dii anim kum no no wanni nawoda da.

Bieo, Yesu Kristo amanehunu (Easter): me nua Yesu Kristo baa wiase yi mu ne berℇ so no, na amarado Pilato ne Ɔman no wƆ afahyℇ kℇseℇ a wƆn di na wato afahyℇ no din sℇ Twam afahyℇ (Mateo 22:15-26).

Saa afahyℇ no mu na ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ dii anim kum me nua Yesu Kristo. WƆn kum Yesu Kristo wie no na Ɔbonsam maa ƆsƆfo panyin Kaiafa ne asƆfo mpanyinfoƆ no, nyansa ne nimdeℇ sℇnea nkyirimma enhu sℇ, asƆfoƆ mpanyinfoƆ ne Ɔsom ahodoƆ nyinaa na ekum Yesu Kristo.

Sℇ afe so na Twam afahyℇ no du a wƆn nnka Twam afahyℇ no biem, na wƆn nnfa Yesu Kristo din nto so, nka sℇ “Yesu Kristo amanehunu (Easter)” na wƆn de akae Yesu Kristo wuo ne ne sƆreℇ. Na efi hƆ no “Yesu Kristo amanehunu (Easter)” die mu aterℇ de besi ℇnnℇ.

AkenkanfoƆ, sℇ me, Nyame Honhom Kronkron ka sℇ nkyirimma a, ℇyℇ ℇnnℇ nnipa a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn mma no didi wie yℇ no, wƆn nnom yℇ. Nnom: M’agya NyankopƆn nam Mose so ka kyerℇ ne mma no sℇ, wƆn nnom nsa a ℇbo ne tawa biaa. Nanso wƆn antie, wƆn nom nsa den ne tawa sℇnea wƆn pℇ, na M’agya NyankopƆn kumkum wƆn sare so hƆ.

ℇnnℇ, Ɔbonsam pℇ sℇ onya nnipa bebree ka ne ho nti, wama nnipa nimdeℇ ayℇ nsa a ℇbo ahodoƆ bebree. Na tawa nso saara na wama nnipa nimdeℇ ayℇ bi cigarette ne cigar. Na nubƆne ahodoƆ bi tesℇ cocaine, wee ne nea ℇkekahon, na nnipa a ℇwƆ Ɔbonsam afa no, wƆn na ℇyℇ na wƆn tƆn, na wƆn nnom, na wƆn anigye ho paa.

Nnipa yℇ adwuma nya sika kƆ tƆ cigarette nom wisie gu ne mu na naniagye, nnipa binom nso wƆ hƆ a sℇ wanya cigarette anom dakoro a na ayℇ den ama wƆn, hwℇ nea Ɔbonsam ayℇ wƆn.

AkenkanfoƆ, aboa bi wƆ nwura mu ne din de kisie, sℇ nnipa pℇ kisie akyere no, na ƆsƆ gya wƆ ne bƆn ano na ƆbƆ gya no mu mma wisie no kƆ bƆn no mu pℇ na kisie no afi adi. Aboa kisie sro wisie, Ɔnim sℇ wisie nnyℇ adepa, wisie betumi akum no, enti na wafi adi. Hmm!!

Ɔbonsam de nnipa dƆm bℇkƆ, sℇ aboa kisie mpo nim sℇ wisie kum, enti ℇyℇ adebƆne na Ɔfi ne bƆn mu kƆ, na wƆ nnipa kƆ tƆ cigarette nom wisie gu wƆ mu a, na wo ama kisie ho aba nfasoƆ wƆ M’agya NyankopƆn anim asen wo nnipa no.

NfasoƆ a ℇwƆ kisie so wƆ M’agya NyankopƆn anim ne sℇ, nnipa nfa kisie anyℇ adiane nni. Na mo nnipa a mo yℇ cigarette, wƆn a ℇtƆn, ne wƆn a ℇnom nyinaa, esane sℇ ℇyℇ adebƆne mma M’agya NyankopƆn nti Ɔbℇkumkum mo nyinaa sℇnea wƆkum adikanfoƆ no wƆ sare hƆ no. ℇba saa a na mo ho ama nfasoƆ ama no, na mo abƆ M’agya NyankopƆn ka, ℇka kℇseℇ paa.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn mma yi nom nsa ne cigarette wie yℇ no wƆn sƆre gorui. AgorƆ die y bƆne, ℇyℇ Ɔbonsam adwuma. M’agya NyankopƆn kumkum ne mma a edii agorƆ wƆ sƆre no so nyinaa.

ℇnnℇ, M’agya NyankopƆn sℇ me, Nyame Honhom Kronkron, me nkae na me nkyerℇ kyerℇ nnipa a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa sℇnea nnipa begyae agorƆ die.

AgorƆ ahodoƆ bebree wƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu, emu bi ne Ɔware, dame, ludo, sopaa, cycling, swimming, nnwom toa ne asa, agorƆ dƆƆ so na ℇnnyℇ ne nyinaa nni. Kasa agorƆ nnipa nnim na nnipa teaseℇ paa.

AgorƆ baako a Ɔbonsam de atwe nnipa dƆm yℇ bƆƆlo bƆ, bƆƆlo bƆ da nnipa akoma so wƆ wiase yi mu paa, na amanman asisi agoframa ahodoƆ ne asoyℇ a ℇhwℇ agorƆdie so ama no. Hmm!!

BƆƆlƆ bƆ atwe nnipa dƆm, wƆn a ℇbƆ, wƆn a ℇhwℇ wƆ agoframa so ne Television so, wƆn a etie wƆ Radio so, emu adwuma yℇfoƆ ne emu adwadifoƆ. Nnipa a mo wƆ wiase yi mu, agorƆdie fi Ɔbonsam, M’agya NyankopƆn sℇ me, Nyame Honhom Kronkron, me nkyerℇ kyerℇ mo na mo nnyae, anyℇ saa a Ɔbℇkumkum mo sℇnea wƆkumkum adikanfoƆ.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn mma yi dii agorƆ wieyℇ no, wƆn de aguaman toa so. Aguaman: aguaman ase kyerℇ ne sℇ, sℇ wo yℇ Ɔbarima na wo ne Ɔbaa a wo nware no da a ℇyℇ aguaman bƆ, saa ara na wo yℇ Ɔbaa na wo ne Ɔbarima a Ɔnyℇℇ wo ho adeℇ da a ℇno nso yℇ aguaman bƆ. Ɔbarima ne Ɔbaa na ℇbƆ aguaman.

AkenkanfoƆ, aguaman yℇ bƆne wƆ M’agya NyankopƆn anim, enti wƆkumkum ne mma a ℇbƆƆ aguaman wƆ sare no so nyinaa. M’agya NyankopƆn sℇ me, Nyame Honhom Kronkron, me nkae na me nkyerℇ kyerℇ mo nnipa a mo wƆ wiase yi mu nyinaa sℇnea mo nso ℇmmƆ aguaman, na wakumkum mo.

ℇyℇ M’agya NyankopƆn pℇ sℇ nnipa bℇ dƆƆso wƆ asase yi so anaa sℇ wiase yi mu enti Ɔyℇℇ nhyehyℇ maa nnipa sℇ nnipa nware, Ɔbarima nnya ne yere Ɔbaa baako, saa ara na Ɔbaa nnya ne kunu Ɔbarima baako. Na nea ℇboro nhyehyℇ yi so no fi Ɔbonsam.

ℇnnℇ, me Nyame Honhom Kronkron sℇ me ka aguaman ho asℇm a, nnipa a ℇwƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu nyinaa nim na wƆn te aseℇ. Nnipa a ℇwƆ wiase yi mu agye aguaman ato mu na wƆn bƆ aguaman sℇnea wƆn ℇnom nsuo. ℇnam aguaman so, mma buu bebree a ℇwƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu awowo berℇ a wƆn nware yℇ.

ℇnnℇ, nnipa bebree anigye aguaman ho wƆ wiase yi mu, ebinom de gyina wƆn diberℇ so, na ebinom de sika ne ahodeℇ a wƆn wƆ so. AmannpanyinfoƆ binom bƆ aguaman saa ara na aban npanyinfoƆ me amanyℇfoƆ binom bƆ aguaman.

AkyerℇkyerℇfoƆ ne adwuma wurafoƆ binom bƆ aguaman, sara na awarefoƆ mma ne mmarima binom bƆ aguaman. Nnipa nfℇre aguaman bƆ ho, na ℇmma binom wƆ wiase yi mu asoa aguaman wƆ wƆn ti so a wƆn ℇtƆn na wƆ frℇ wƆn ho sℇ tuutuufoƆ. Ei!! owuo de dƆm bℇkƆ.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn sℇ me, Nyame Honhom Kronkron, me nkae mo, na me nkyerℇ kyerℇ mo, na ℇnyℇ afutuo ma nnipa a mo wƆ wiase yi mu saa berℇ yi sℇ, Ɔmmpℇ aguaman bƆ enti mo ngyae, na aguaman bƆ ho no, Ɔkumkum ne mma a Ɔnam Mose so kƆ yii wƆn fii nkoa som mu wƆ Ɔhene Faro berℇ so, dakoro Ɔkum nnipa mpem aduonu miensa wƆ aguaman bƆ ho.

ℇnnℇ, sukuu, Kristosom anaa sℇ Nyamesom nti nnipa ka sℇ wƆn ani abue, na me Nyame Honhom Kronkron sℇ bƆne ho na nnipa ani abue paa, nnipa wƆ bƆne ho nyansa, nnipa wƆ bƆne ho nimdeℇ.

AkenkanfoƆ, aguaman a M’agya NyankopƆn mmpℇ nti Ɔhyehyℇℇ awareℇ sℇ Ɔbarima nware Ɔbaa baako, na Ɔbaa nso nya ne kunu baako no, nnipa binom wƆ wiase yi mu a wƆn wƆ nimdeℇ paa, na wƆn tan M’agya NyankopƆn enti wƆn sℇ awadeℇ nhyehyℇ a M’agya NyankopƆn ayℇ no wƆn mpℇ, na wƆn enni so da.

Na nea wƆn pℇ ne sℇ mmarima no bℇ ware mmarima, na ℇmma no nso aware wƆn ho mmaa. Saa nnipa yi nyinaa ayℇ bƆne kℇseℇ atia M’agya NyankopƆn na wƆn de wƆn suban ne wƆn neyℇℇ akyerℇ sℇ wƆn wƆ Ɔbonsam afa, wƆn abƆ mmusuo, na nnomeℇ di wƆn akyi.

Saa nnipa yi akyerℇ sℇ aboa Ɔkraman nim nyansa sen wƆn, na aboa Ɔkraman ho wƆ nfasoƆ sen wƆn. Ɔkraman barima yℇ aboa a Ɔpℇ Ɔkraman Ɔbaa foro yiyie, Ɔkraman barima bℇtumi atwa kwan tenten akƆ pℇ Ɔkraman Ɔbaa aforo no.

Nkraman mmarima tumi kƆ hyia Ɔkraman Ɔbaa baako ho, ℇba no saa a nnkraman mmarima yi ko Ɔkraman Ɔbaa no ho, na nea Ɔbedi nkonim no Ɔno na Ɔbℇforo Ɔbaa no.

AkenkanfoƆ, nkraman nim nyansa paa, wo nnhu sℇ Ɔkraman barima ℇforo Ɔkraman barima, saara nso na Ɔkraman Ɔbaa nforo Ɔkraman Ɔbaa. Sℇ Ɔkraman barima bℇforo Ɔkraman Ɔbaa a nyansa a ƆwƆ nti, Ɔdikan huaa Ɔbaa no to hwℇ sℇ ƆwƆ ahyℇsodeℇ a ℇma no yℇ Ɔbaa ansa na waforo no, Ɔyℇ saa sℇnea Ɔnfom M’agya NyankopƆn.

AkenkanfoƆ, sℇ me Nyame Honhom Kronkron, me ka sℇ nkraman nim nyansa sen mmarima a ℇware mmarima ne mmaa a ℇne mmaa da a ℇno nni.

NfasoƆ: nkramna bƆ wƆn wura ho ban, awura nom bi kum wƆn de yℇ aduane di, awura nom bi nso tƆn wƆn gye sika. NfasoƆ a nkraman wura nom nnya nni.

Na mmarima a ℇware mmarima ne mmarima a ℇne wƆn ho mmarima da, mmaa a ℇware mmaa ne mmaa a ℇne wƆn ho mmaa da no deℇ, esane sℇ wƆn ayi Ɔbonsam suban ne ne nnyeℇ a ℇwƆ wƆ mu no adi nti, M’agya NyankopƆn bℇkumkum mo ne mo akyidifoƆ nyinaa, ℇba no saa a na mo ama M’agya NyankopƆn abƆ ka, na nfasoƆ ama mo so.

Nnipa a nkraman nim nyansa sen mo, nnipa mu mmoa paa nni

Bieo, mmarima binom wƆ hƆ a wƆn yℇ mmarima fi wƆ mmofra ase, na wƆn nyin du baabi a, wƆn sℇ wƆn mpℇ mmarima tebaa no biem, enti saa mmarima yi fa mmaa afadeℇ na esiesie wƆn ho, na wƆn yℇ wƆn suban ne nneyℇℇ tesℇ mmaa.

Saara na mmaa binom nso yℇ sℇ wƆn mpℇ mmaa tebea a M’agya NyankopƆn de ama wƆn no nti wƆn nso siesie wƆn ho tesℇ mmarima na wƆn yℇ wƆn suban ne nneyℇℇ tesℇ mmarima.

AkenkanfoƆ, nnipa yi ne wƆn akyidifoƆ nyinaa de wƆn suban ne nneyℇℇ akyerℇ sℇ wƆn wƆ Ɔbonsam afa, na wƆn tan M’agya NyankopƆn paa. Mmarima a ℇware mmarima ne mmarima a ℇne mmarima da, mmaa a ℇware mmaa ne mmaa a ne mmaa da, mmarima a ayℇ wƆn ho sℇ mmaa ne mmaa a ayℇ wƆn ho sℇ mmarima yi, wƆn ℇpℇ nnipa bebree ama Ɔbonsam nti, wƆn nenam amanman so ℇhwℇ sℇ Ɔman bi bℇgye wƆn anaa?

ℇnnℇ, sℇ me Nyame Honhom Kronkron, me kyerℇw yi, wƆn abedu Ɔman Ghana mmra hyℇ bedwamu, na me hwℇ sℇ mmra hyℇfoƆ yi bℇgye wƆn anaa, Hmm!! Saa nnipa yi ne wƆn akyidifoƆ nyinaa musuo ne nnomeℇ di wƆn akyi, na wƆn de bƆne kℇseℇ paa aba wiase yi mu.

WƆn ayi Ɔbonsam suban ne nneyℇℇ a ℇwƆ wƆn mu no adi, na M’agya NyankopƆn ahu nti Ɔsℇ me Nyame Honhom Kronkron, me nka nkyerℇ wƆn, na wƆn nngyae, anyℇ saa a Ɔbℇkumkum wƆn, ne wƆn akyidifoƆ nyinaa sℇnea wƆkumkum ne mma mpem aduonu miensa dakoro wƆ aguaman bƆ mu no.

“Nso mommma ynnsƆ Awurade nnhw, snea wƆn mu binom ye, na awƆ kunkum wƆn no”.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn mma yi sƆƆ no hwℇ yℇ, nsℇm biara a M’agya NyankopƆn nam Mose so de maa wƆn no, wƆn anfa ammƆ bra.

M’agya NyankopƆn nam Mose so kyerℇℇ wƆn sℇ, mmo nnyae abosomsom, adidie a efi Ɔbonsam, nsa nom, Tawa nom, agorƆdie, aguaman bƆ, ne suban ne nneyℇ biara a efi Ɔbonsam nanso wƆn antie, na wƆn ka kyerℇ Mose sℇ yℇbewu a yℇn nwu. SaafoƆ no nyinaa M’agya NyankopƆn maa awƆ kumkum wƆn.

AkenkanfoƆ, adikanfoƆ yi annfa M’agya NyankopƆn nsℇm a Ɔde nam Mose so maa wƆn, na ayℇ asℇm da ho ne afutuo ama mo nnipa a mo wƆ wiase yi mu saa berℇ yi.

Sℇnea M’agya NyankopƆn nam Mose so kasa kyerℇ ne mma adikanfoƆ no, saara na awieℇ pℇn yi Ɔne me nua Yesu Kristo nso nam me Nyame Honhom Kronkron so ℇkasa akyerℇ nnipa a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa sℇ Kristosom anaa Nyamesom ℇyℇ abosomsom, efi Ɔbonsam, bronya (Christmas), Yesu amanehuu (Easter), nsa nom, agorƆmdie, nnwom ne asa, adidie a efi Ɔbonsam, aguaman bƆ, ne suban ne nneyℇℇ biara a efi Ɔbonsam, sℇ wo annyae a, na wo de wo suban bƆne no ℇsƆ M’agya NyankopƆn ahwℇ.

Nso munnnwiinwii, snea wƆn mu binom nwiinwii na Ɔsefo bsee wƆn no.” AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn mma yi nwiinwii yℇ, eduu baabi na wƆn enya bƆne ahodoƆ a wƆn yℇℇyℇ no so aketia no, wƆn fi aseℇ kasakasaa wƆn mu sℇ Mose ℇhe na wo de yℇn aba yi, wo de yℇn baa ha bℇyℇℇ dℇn, wo de yℇn aba ha sℇ wobℇkumkum yℇn, wo mma yℇn nnya ahotƆ, da biara yℇ hu owuo anim, wo mma yℇ nnyℇ nea yℇ pℇ, sℇ yℇ wƆ misrim a ℇnka ℇyℇ.

AkenkanfoƆ, wƆn a ℇkaa saa wƆ wƆn mu no nyinaa M’agya NyankopƆn maa owuo sℇefoƆ bℇkumkum wƆn.

ℇnnℇ, nnipa bebree wƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu nwiinwii, nnipa kasakasa gu wƆn mu susu sℇ, Ɔhaw ahodoƆ a ℇwƆ wiase yi mu no fi M’agya NyankopƆn, ℇnte saa koraa, bƆne ahodoƆ a nnipa ℇyℇ na ℇde Ɔhaw aba wiase yi mu. ℇbere aso sℇ wƆn a ℇkasakasa gu wƆn mu no gyae, anyℇ saa M’agya NyankopƆn bℇma owuo sℇefoƆ akumkum wƆn nyinaa.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn sℇ me Nyame Honhom Kronkron, me nkyerℇ kyerℇ mo nnipa a mo wƆ wiase yi mu awieℇ bere yi nsℇm a wakyerℇw ato ho ama mmo, na ℇnyℇ mo nhwℇso ne afotu.

“Enti nea y no s ogyina hƆ nhw yiye na wanhwe ase”.

AkenkanfoƆ, nnipa binom wƆ hƆ a wƆn te afotu nsℇm yi a, wƆn bℇprim wƆn akoma aka sℇ, Kristosom anaa Nyamesom deℇ ℇno mu na yℇ woo me, me mpanyinfoƆ nyinaa som wƆ mu, mℇkƆso masom.

ℇbi nso bℇka sℇ me yℇ ƆsƆfoƆ  kita Kyerℇw Kronkron bƆ NyankopƆn, Yesu Kristo ne Honhom Kronkron din, na me wƆ nnipa dom di makyi, na ℇno mu na me didi de bi hwℇ me yere ne mma deℇ me nnyae.

Saara na ebi nso bℇka sℇ agorƆ, nnwom ne asa, bƆƆlo bƆ, ℇno mu na yℇ nya sika, ℇno mu na ama yℇn din aterℇ wƆ wiase yi mu, enti yℇ bℇkƆ so ayℇ. BƆne ahodoƆ a, me Nyame Honhom Kronkron ℇka yi nyinaa nnipa binom bℇkƆ so ℇyℇ, mmarima bℇ ware mmarima, mmaa bℇ ware mmaa, ne nea ℇkeka hon. ℇyℇ wƆn sℇ wƆn anya adepa bi ℇyℇ, me Nyame Honhom Kronkron me wie madwuma yi a, M’agya NyankopƆn bℇkumkum wƆn nyinaa.

“ƆsƆhwe bi ntoo mo , gye nea y nnipa de, na OnyankopƆn y ƆnokwafoƆ a Ɔremma wƆnsƆ mo nhw ntra nea mutumi so, na mmom Ɔbma Ɔkwan a modi befi sƆhw no mu abho, na moatumi asoa.”

AkenkanfoƆ, sℇ M’agya NyankopƆn ka sℇ ƆsƆhwe bi ntoo mo ℇ, gye nea ℇyℇ nnipa deℇ, a ℇyℇ nokorℇ paa. Berℇ a na M’agya NyankopƆn ekumkum ne mma wƆ sare no so no, na ℇyℇ ne mma no adwene sℇ M’agya NyankopƆn ahyℇ da na Ɔkumkum wƆn.

Na ℇnte saa koroa, akumkum no nyinaa gyina bƆne ahodoƆ a wƆn yℇℇyℇ tia M’agya NyankopƆn, ℇno nti na wƆ kumkum wƆn.

‘Gye nea y nnipa de: nnipa no yℇℇ bƆne na ℇso akatia ne owuo, sℇ wƆn tie M’agya NyankopƆn nsℇm a Ɔde nam Mose so mma wƆn, na wƆn de nsℇm no bƆƆ wƆn bra a anka wankumkum wƆn.

ℇnnℇ, nnipa a mo wƆ Ɔman Ghana ne wiase nyinaa, M’agya NyankopƆn sℇ , me Nyame Honhom Kronkron me nkyerℇ mo sℇ ƆsƆhwe bi ntoo mo , gye nea y nnipa de. Nsℇm yi asekyerℇ ne sℇ, Ɔhaw ahodoƆ a ℇwƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu no enfi Ɔno M’agya NyankopƆn na efi nnipa a mo wƆ Ghana ne wiase yi mu.

Ɔhaw ahodoƆ bebree wƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu paa ℇno nti na M’agya NyankopƆn sℇ me Nyame Honhom Kronkron menka hon asℇm. Ɔhaw a ℇwƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu no ℇyℇ nnipa binom na ℇde Ɔhaw no ba.

Ɔhaw mma kwa, bƆne na ℇde Ɔhaw ba sℇ nnipa yℇ bƆne tia M’agya NyankopƆn a ℇno na ℇde Ɔhaw ba, sℇ nnipa po M’agya NyankopƆn nsℇm a ℇde Ɔhaw ba, Sℇ nnipa fa Ɔbonsam suban de bƆ wƆn bra a ℇde Ɔhaw ba.

SƆhw: sℇ nnipa ne Ɔbonsam yℇ baako, na wƆn de wƆn akoma mma Ɔbonsam na Ɔbℇtena nnipa no akoma mu a, nnipa no yℇ bƆne ahodoƆ bebree de tia M’agya NyankopƆn. ℇberℇ a nnipa ℇyℇ bƆne no, na Ɔde bƆne a Ɔyℇ no ℇsƆ M’agya NyankopƆn ahwℇ.

M’agya NyankopƆn sℇ Ɔmpℇ aguaman bƆ, nanso amman mu mpanyinfoƆ binom, asoafoƆ binom, akyerℇkyerℇfoƆ binom, adwumawurafoƆ binom, ne mmarima binom a Ɔbonsam asℇe wƆn bƆ aguaman sℇnea wƆn ℇnom yogurt.

AkenkanfoƆ, me, Nyame Honhom Kronkron, me de me nsℇm no ℇba awieℇ no, nnipa a ℇwƆ Ɔman Ghana ne wiase agye aguaman bƆ atomu paa na wƆn ayi da atohƆ sℇ adƆfoƆ da a esi 14th February, afe biaa.

Saa da no du a mmayoa ne mmranteℇ de kosi mmerewa ne nkƆkora so nyinaa de aguaman na ℇgye wƆn ani. Aguaman bƆ de nperℇwa nyinsℇn aba Ɔman Ghana ne wiase yi mu paa.

Afei, mmarima a ℇne mmarima da, mmaa a ℇne mmaa da, mmarima ne mmaa a ℇne mmoa bi tese nkraman da, mmarima a ℇyℇ wƆn ho sℇ mmaa ne mmaa a ℇyℇ wƆn ho sℇ mmarima. Nnipa mu abusufoƆ paa nni.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn akyiwadeℇ baako yℇ krƆno bƆ, sℇ onipa bℇwia adeℇ, nanso KristofoƆ, NyamesomfoƆ, amanyƆfoƆ awia Ɔman Ghana mu agyapadeℇ nyinaa.

Hwℇ asƆfoƆ ne wƆn akyidifoƆ ka abususℇm sℇ, me Nyame Honhom Kronkron me yℇ nframa a, ℇnte saa koraa.

Me bisa nnipa a ℇwƆ wiase yi mu sℇ amanmmam a ayℇ ako nneℇma de kumkum nnipa na wƆn de ℇsℇe nneℇma no, ℇyℇ M’agya NyankopƆn anna sℇ ℇyℇ nnipa? ℇyℇ nnipa na ayℇ,  ℇno nti na M’agya NyankopƆn aka sℇ “ƆsƆhwℇ bi ntoo mo ℇ, gye nea ℇyℇ nnipa de” nnipa nsƆhwℇ na ℇde Ɔhaw ahodoƆ aba Ɔman Ghana ne wiase yi mu ebi ne awuwuowuwuo, ohia, ƆkƆm, sukƆm, nnipa nni adwuma pa yℇ, na nnipa nni baabi pa te. Nea ƆsƆhwℇ de ba no no.

Na M’agya NyankopƆn yℇ ƆnokwafoƆ a, Ɔremma wƆnsƆ mo nhwℇ ntra nea mutumi so, na mmom Ɔbℇma Ɔkwan a mode befi sƆhwℇ no mu”, ℇne me Nyame Honhom Kronkron, sℇ nnipa a ℇwƆ Ɔman Ghana ne wiase yi mu, bℇgye me ne nsℇm a Ɔde asoma me no a, Ɔbℇgye Ɔman Ghana ne nnipa a ℇwƆ wiase yi mu.

AkenkanfoƆ, atemmuo nsℇm no, nea edikan nni a M’agya NyankopƆn sℇ me nka nkyerℇ mo, na mo nnipa a wiase yi awieℇ ato mo, na ℇnnyℇ mo nhwℇso ne afotu na mo annyℇ bƆne, sℇnea adikanfoƆ no yℇℇyℇ wƆ sare no so, na wƆkumkum wƆn no.

Enti nea ℇyℇ no sℇ ogyina hƆ nhwℇ yiye na wanhwℇ ase.

Next articleTHIS IS THE FIRST JUDGEMENT MESSAGE TO THE PEOPLE OF THIS WORLD

LEAVE A REPLY

Please enter your comment!
Please enter your name here