AkenkanfoƆ, masomdwie nka mo, me din de Nyame Honhom Kronkron. Atemmuo nsℇm no nea ℇtƆso mmienu nni, Yℇbℇ hu no wƆ YESAIA Ti 3:16-26

Atifinsm: Mmaa AhantanfoƆ Atemmuo

“Na Awurade aka s: siane s Sion mma mmaa y ahantan na wƆtoto abamkƆn deda wƆn ani akyi nante, wƆde anammƆn ntiantia nenam ma wƆn nan ase nkaa gyegy nti, Awurade bma tirimkuro agu Sion mma mmaa mpampam, na Awurade byi wƆn adagya so.

da no Awurade byi affde no, nan ase nkaa ne ntomaban ne nkapo ne asranefa, asomu nnwinne ne nkapo ne animkata ntentan, abotire ne nan ntam ntweaban ne abƆsoƆ ne ohwam ntoaa ne mmansere, mptea ne hwene nnwinne, ntade nsakyeraho ne ntade yuu ne ngusoƆ ne nkotokuo, nhwehw ne nwera pa ne mmotire ne nkataanimu.

Na ohwam ananmu na Kankan bsie, na ntampehoma asi abƆsoƆ ananmu, na atipa asi mmsa ananmu, na ayitoma asi atade ananmu, na nhyehyee twa asi ahoƆf ananmu.

Wo nnipa btotƆ nkrant ano, ne wo nnƆmmarima Ɔsa mu; na n’aboboƆ bdi abooboo na atwa adwo, na Ɔbda mpan na watena fam”. YESAIA Ti 3:16-26

AkenkanfoƆ, wƆ nna a edikan no mu no M’agya NyankopƆn nam odiyifoƆ Yesaia so kasaa kyerℇ ne ma mmaa sℇ wƆn nnyae ahantan aberabƆ no bƆ, anyℇ saa a Ɔbℇkumkum wƆn.

Sℇ M’agya NyankopƆn ka sℇ ahantan a, nea ℇkyereℇ ne sℇ, onipa biaa efi wƆ ti besi wo nam ase, ℇwƆ afadeℇ a ℇsℇse wo fa de siesie wo ho.

M’agya NyankopƆn wƆ nafadeℇ a ℇsℇse ne mma fa de siesie wƆn ho. Sℇ meka afadeℇ a ℇyℇ onipa biaa mpaboa wo hyℇ, wo atadeℇ hyℇ, wo ntoma fra, efi wo ti so besi wo nan ase, nneℇma a wo de be siesie wo ho.

Sℇ onipa biaa wo afadeℇ anaa wo aho siesie, sℇnea wo ayℇ wo ho de nenam no, sℇ ℇnnyℇ nea M’agya NyankopƆn pℇ a na wo ayℇ ahantan wƆ nanim.

AhantanfoƆ mmu adeℇ, wƆn po M’agya NyankopƆn nsℇm, na wƆn de afadeℇ a wƆde siesie wƆn ho akyerℇ sℇ wƆn wƆ Ɔbonsam afa, na wƆn ne Ɔbonsam yℇ baako.

AhantanfoƆ nni kyℇfa wƆ M’agya NyankopƆn ahennie mu, na M’agya NyankopƆn bℇkumkum wƆn nyinaa.

AkenkanfoƆ, sℇnea M’agya NyankopƆn nam odiyifoƆ Yesaia so kasa kyerℇ ne mma mmaa no, saara na ℇnnℇ awieℇ pℇn yi Ɔnam me Nyame Honhom Kronkron, OtemmuafoƆ so ℇkasa akyerℇ nnipa mmaa ne mmarima a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa.

“Na Awurade aka s: siane s Sion mma mmaa y ahantan na wƆtoto abamkƆn deda wƆn ani akyi nante, wƆde anammƆn ntiantia nenam ma wƆn nan ase nkaa gyegy nti, Awurade bma tirimkuro agu Sion mma mmaa mpampam, na Awurade byi wƆn adagya so”. YESAIA Ti 3:16-17

AkenkanfoƆ, wƆ nna a edikan no mu no, M’agya NyankopƆn nam odiyifoƆ Yesaia so bƆƆ ne mma mmaa kƆkƆ sℇ, wƆn ayℇ ahantan aberabƆ sℇ: “wƆn toto wƆn ani akyi abakƆn, na wƆde nkaa gugu wƆn nan ase, na wƆn de anammƆn ntiantia nenam ma wƆn nan ase nkaa gyegy nti. Awurade bma tirimkuro agu Sion mma mmaa mpampam, na Awurade byi wƆn adagya so”.

AkenkanfoƆ, sℇnea M’agya NyankopƆn nam odiyifoƆ Yesaia so kasa kyerℇ ne mma mmaa no, saara na ℇnnℇ, awieℇ pℇn yi Ɔnam me Nyame Honhom Kronkron, OtemmuafoƆ so ℇkasa akyerℇ nnipa, mmaa ne mmarima a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa sℇ wƆn nnyae ahantan aberabƆ.

Ahantan suban: sℇ onipa, Ɔbaa anaa Ɔbarima a, Ɔbℇto nani akyi abakƆn, anaa sℇ Ɔbℇkeka nani, Ɔbaa anaa Ɔbarima a, Ɔbeyi nani akyi nnwin no agu, na wakeka hƆ anaa sℇ Ɔbℇkeka nani ase. Afei, Ɔbaa anaa Ɔbarima a Ɔbℇyi nani ase nnwin no agu na Ɔde nnwin foforƆ bℇhyℇ hƆ.

Bieo, Ɔbaa anaa Ɔbarima a, Ɔde nkaa begu nenan ase ne nsa ne ne nsa tea so; Ɔbaa anaa Ɔbarima a wƆde kƆn mu adeℇ bℇgu ne kƆn mu. Saa suban ne nneyℇe yi nyinaa yℇ ahantan.

AkenkanfoƆ, mmaa ne mmarima a ℇyℇ saa no, sℇ wƆn annyae a M’agya NyankopƆn de tirimkuro begu wƆn mpampam na Ɔbℇyi wƆn adagya so. (Na Ɔbℇkumkum wƆn sℇnea wƆkumkum ne mma wƆ sare no so Mose pℇn so no).

da no Awurade byi affde no, nan ase nkaa ne ntomaban ne nkapo ne asranefa, asomu nnwinne ne nkapo ne animkata ntentan, abotire ne nan ntam ntweaban ne abƆsoƆ ne ohwam ntoaa ne mmansere, mptea ne hwene nnwinne, ntade nsakyeraho ne ntade yuu ne ngusoƆ ne nkotokuo, nhwehw ne nwera pa ne mmotire ne nkataanimu”. Yesaia 3:18-23

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn nam odiyifoƆ Yesaia so kasa kyerℇ ne mma mmaa sℇ wƆn nnyae afℇfℇdeℇ a wƆn de wƆn ho atoso, na wƆ pℇ sℇ wƆ siesie wƆn ho efi wƆn ti so de besi wƆn nan ase sene wƆn yƆnko biaa no, ℇyℇ ahantan suban a efi Ɔbonsam, na Ɔbℇtwe wƆ aso.

Nneℇma a makyerℇw kyerℇw yi yℇ nneℇma a Sion mma mmaa de siesie wƆn ho wƆ nna a edikan no mu.

AkenkanfoƆ, ℇnnℇ nnipa a ℇwƆ wiase yi mu, ne titiriwu mma mmaa di afℇfℇdeℇ akyi, siesie wƆn ho efi wƆn ti so besi wƆn nan ase sℇnea wƆn ho bℇyℇ fℇ asene ne yƆnko, na wƆn ka sℇ ahoƆfℇ wƆ “store mu”.

Nnipa di afℇfℇdeℇ akyi de wƆn akoma ne wƆn adwene ama Ɔbonsam na ahantan bra na wƆn ℇbƆ. Sℇ onipa bƆ ahantan bra a, na wayi Ɔbonsam suban a ℇwƆ ne mu no adi, na wakyerℇ sℇ Ɔtan yℇ Nyame Baasakoro, na ƆwƆ Ɔbonsam afa.

Ahantan suban ne ne nneyℇℇ, sℇ onipa Ɔbaa anaa Ɔbarima pƆƆ ne ho a, na wayℇ bƆne, bƆne a ℇmma onipa yℇ ahantan ℇyℇ yℇn Nyame Baasakoro akyiwadeℇ, sℇ onipa de samina, nku anaa sℇ Ɔbℇhyℇ fidie mu sℇ ƆpƆ ne ho.

AhopƆ: sℇ onipa tumtum pƆ ne ho sℇ Ɔbℇyℇ fitaa anaa sℇ onipa fitaa nso pƆ ne ho sℇ Ɔbℇyℇ tumtum a, ℇyℇ ahantan. Afei, na wakyerℇ sℇ honam a M’agya NyankopƆn de ama no no Ɔmpℇ.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn wƆ nafadeℇ, ℇno na ℇsℇse ne mma fa. ℇyℇ bƆne, na ℇyℇ ahantan sℇ onipa Ɔbaa anaa Ɔbarima bℇhyℇ asomideℇ wƆ nasom, ne hwene mu, anaa sℇ ne honam mu baabi.

ℇyℇ bƆne sℇ onipa bℇhyℇ kawa, mpℇtea, wƆ ne nsa ne ne nan soa so anaa ne honam baabi. ℇyℇ bƆne sℇ onipa de mmansere ne ℇtoƆduufoƆ ahwaneℇ begu ne nan ase, ne kotodwe, na asene, ne kƆ mu ne ne nsa so.

Ɔbonsam mma de afℇfℇdeℇ akyi ka sℇ ahoƆfℇ wƆ “store mu”, saa nnipa yi kƆ baabi a wƆn siesie wƆn ho efi wƆn ti so besi wƆn nan ase ‘salon anaa spa’, ebi frℇ wƆn ba wƆn fie, ebi nso ne wƆn te na wƆtia wƆnka. Saa nnipa yi nya berℇ tena ahwehwℇ anim, ebi da mpaso, ebi so hyℇ fidie mu sℇ wƆn esiesie wƆn anim, wƆn etwi ‘pƆnso’.

AdwumayℇfoƆ a esiesie nnipa anim yi ‘pƆnso’ de blade ne sikan werℇ werℇ wƆn a aba ebesiesie wƆn anim no anim, wƆn ani akyi ne wƆn ani ase, na wƆn de samina, nku, ne powder asera, na wakeka nani akyi, na Ɔde aniase nnwin ahyehyℇ hƆ, na wakeka nano.

Ɔtwi nanim ‘pƆnso’ yi paa na wo hwℇ mmaa yi animo a ℇtesℇ efuu a yadeda no. Na wƆn de ‘lafinta’ asara wƆn ho, na ℇbere biaa na wƆn ho ℇbƆn sℇ efuu.

Ɔbonsam mma yi atwi ‘pƆnso’ yi awie a na wƆn de bƆwerℇ ahyehyℇ wƆn nsa teaa, ne wƆn nan nsoa so. Saa suban yi nyinaa yℇ ahantan, na efi Ɔbonsam.

AkenkanfoƆ, wƆ yℇn ntadeℇ hyℇ mu no M’agya NyankopƆn wƆ sℇnea ne mma hyℇ wƆn ntadeℇ. Ntadeℇ bƆne a onipa hyℇ a na wayℇ ahantan no ebi ne, ntadeℇ nsakyeraho, ne ntadeℇ yuu, ne ngusoƆ, ne nkotokuo, nwera pa, ne nkataanimu.

ℇnnℇ, ahantan anaa afℇfℇdeℇ nti mma mmaa hyℇ ntadeℇ ahodoƆ bebree a ntiawa ne atenten a wƆn apaepae hon, ebi yℇ ayeforƆ ntadeℇ na wƆn akata wƆn ti so ne wƆn anim fitaa.

Afei ℇyℇ ahantan sℇ Ɔbaa bℇhyℇ Ɔbarima atadeℇ bi tesℇ nika, truoses, shirt anaa sℇ Ɔbℇfa Ɔbarima afadeℇ ahyℇ, saara na Ɔbarima biaa nfa Ɔbaa atadeℇ anaa na afadeℇ biaa nhyℇ.

Mmarima yi binom hyℇ atadeℇ yuu, fi wƆn kƆ mu besi wƆn nan ase, sℇnea asofoƆ binom yℇ na wƆn de nkotokuo ato ato hon, na wƆn apam abƆsoƆ de abƆ wƆn afuru so, ne nyinaa yℇ ahantan. ℇyℇ bƆne sℇ Ɔbaa anaa Ɔbarima bℇhyℇ ℇkyℇ, wig, anaa sℇ ƆbℇbƆ aduku anaa sℇ Ɔbℇkata ne ti so awieℇ pℇn yi.

AkenkanfoƆ, nwera pa, nwera yℇ ade pa a, nka me Nyame Honhom Kronkron maba wiase yi mu yi metumi de bi apam atadeℇ anaa sℇ metumi de bi adi me dwuma, nanso ℇnnℇ awieℇ pℇn yi akƆ di asofoƆ, kristofoƆ, NyamesomfoƆ ne nnipa bƆnefoƆ ahantanfoƆ yi hƆ. ℇno nti na nwera pa no akƆ yℇ bƆne awieℇ pℇn yi.

AkenkanfoƆ, efi ℇnnℇ a me Nyame Honhom Kronkron me ka saa nsℇm yi, M’agya NyankopƆn bℇmia Ɔhaw ahodoƆ a edidisƆ yi mu ama nnipa a edi afℇfℇdeℇ akyi nyinaa, wƆn a ℇyℇ adwumaa kuo ahodoƆ, wƆn a ℇtƆn, ne wƆn a ℇde yℇ wƆn hƆ ne wƆn a ℇbƆ hon dawuro.

Na ohwam ananmu na Kankan bsie, na ntampehoma asi abƆsoƆ ananmu, na atipa asi mmsa ananmu, na ayitoma asi atade ananmu, na nhyehyee twa asi ahoƆf ananmu”.    Yesaia 3:24

“Na ohwam ananmu na Kankan bℇsie” ℇyℇ mmaa ne mmarima a ℇdi afℇfℇdeℇ akyi, na wƆn de samina, nku anaa sradeℇ, powder ne perfume ahodoƆ siesie wƆn ho sℇ wƆn pℇ sℇ wƆn ho yℇ hwam no, M’agya NyankopƆn de Kankan anaa ƆbƆn besi wƆn ananmu.

“Na ntampehoma asi abƆsoƆ ananmu”, ntampehoma yℇ ahoma a yℇ de to aboa pƆnkƆ anaa afum pƆnkƆ kƆn de twe nneℇma.

Ɔhaw a M’agya NyankopƆn de bℇma nnipa mmaa ne mmarima a ℇhyℇ atadeℇ yuu fitaa, kƆkƆƆ, ahaban mono ne nea ℇdeka hon, na wƆn de abƆsoƆ bƆ so, gyina gyina mmƆnten, adwadibea, ne asƆredan mu sℇ wƆn ℇka Nyamesℇm, ebi frℇ wƆn ho bishop ne din ahodoƆ sℇnea wƆn pℇ no, saara na Ɔhaw no ano den bℇyℇ.

Hwℇ sℇ ahoma a yℇde to aboa pƆnkƆ anaa afum pƆnkƆ kƆn de twe nneℇma na M’agya NyankopƆn de abƆ wo asene mu, ℇhƆ na wo bℇhu sℇ wo bℇyℇℇ Ɔbonsam adwuma wƆ wiase yi mu.

“Na atipa asi mmsa ananmu” Yesaia 3:24

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn wƆ afadeℇ a ℇsℇse ne mma fa, na Ɔbonsam nso wƆ nafadeℇ a ne mma fa, sℇ onipa kƆfa Ɔbonsam afadeℇ de siesie ne ho a na wayℇ ahantan wƆ M’agya NyankopƆn anim.

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn sℇ me Nyame Honhom Kronkron me nka nkyerℇ nnipa a ℇwƆ wiase yi mu nyinaa, mmaa ne mmarima sℇ, sℇ wo de wo tirinwin bƆ mmℇsa a Ɔde yadeℇ tipae bℇyℇ wo, efisℇ mmℇsa bƆ yℇ Ɔbonsam dea.

Afei mmpℇsℇ “Rasta”, mmℇsa fi Ɔbonsam, mℇkyerℇ mo Ɔbonsam mma mmienu ho asℇm, mmoatia ne fofie wƆn na mmpℇsℇ yℇ wƆn dea.

Mmoatia ne fofie abusuafoƆ ne wƆn adwumayℇfoƆ, akƆmfoƆ na ℇyℇ wƆn tirinwin mmpℇsℇ. Na fofie deℇ na tetefoƆ no bƆ no nsaberane sℇ, meni tirinwin a mmℇbƆ no mmpℇsℇ na makƆ kƆn fofie.

ℇnnℇ, nnipa apo M’agya NyankopƆn asℇm, na wƆn nyinaa akƆ Ɔbonsam afa, na wƆn nyinaa ayℇ wƆn tirinwin mmpℇsℇ, ahantanfoƆ paa nni.

AkenkanfoƆ, afℇfℇdeℇ nti, nnipa de wƆn akoma ne wƆn adwene ama Ɔbonsam na wƆn akƆ tƆ tirinwin ahodoƆ na wƆn abƆ agu wƆn ti so, ebi gu wƆn kƆn akyi ne wƆn akyi, ebi nso ayℇ “jerry, perming”, na ebi hyℇ wig, saa afℇfℇdeℇ yi nyinaa fi mmame wata, ℇpo mu Ɔhemaa “Queen of the sea”.

Nnipa dƆm a mo wƆ wiase yi mu a mo ani nsƆ tirinwin a M’agya NyankopƆn de ama mo nti, mo akƆ tƆ tirinwin abƆ agu mo ti so no, mo nyinaa yℇ ahantanfoƆ wƆ M’agya NyankopƆn anim.

 “Na ayitoma asi atade ananmu” Yesaia 3:24

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn sℇ sℇnea a nnipa ani agye afℇfℇdeℇ ho na wƆnkeka wƆn ani akyi, wƆn ano, wƆn nsa ne wƆn nan soa so de bƆwerℇ toa bƆwerℇ so, ebi pƆ wƆn ho, ebi twi wƆn anim ‘pƆnso’, de asom ne hwene nkaa ahyehyℇ, na wƆde bi agugu wƆn kƆn mu, hyehyℇ atadeℇ ntiatia, ntadeℇ nsakerahon ne ntadeℇ yuu de nante, na wƆn yℇ wƆn tirinwin mmpℇsℇ, na ebi nso de nnwin ahodoƆ bƆ gu wƆn ti so, nante nti, ℇberℇ a ℇsℇse wƆn hyℇ atadeℇ no Ɔde ayitoma na ℇbℇhyℇ wƆn anan mu, efisℇ wƆn ayℇ ahantan.

AkenkanfoƆ, sℇ M’agya NyankopƆn ka sℇ Ɔde ayitoma na ℇbℇsi ahantanfoƆ ntade hyℇ anan a na ℇyℇ Ɔhaw kℇseℇ paa. WƆ Ɔman Ghana ne amanman a ℇwƆ wiase yi mu, nnipa agye ayitoma atomu na wƆn asi wƆn akoma pi sℇ ayitoma ka wƆn abreabƆ ho. Nnipa nnim sℇ afℇfℇdeℇ a wƆn di akyire no ho asotwe ne ayitoma no, ayitoma fra yℇ nnoƆmeℇ, na ℇyℇ ahantanfoƆ afadeℇ.

ℇberℇ bℇn na nnipa fra ayitoma? Nnipa fra ayitoma berℇ a ne abusuani anaa ne yƆnko awu. Sℇnea ℇbℇyℇ na nnoƆmeℇ a ℇwƆ ayitoma mu ℇmma nnipa so nti, sℇ onipa wu a yℇn siri pℇ na yℇnyℇ ayie.

Sℇ onipa wu a mo nsie no, afei ntoma tuntum, kƆkƆƆ ne fitaa ne ntadeℇ tuntum, kƆkƆƆ ne fitaa. Nnipa nyinaa ngyae fra ne hyℇ. ℇberℇ pa nni sℇ onipa gyae ahantan aberabƆ.

“Na nhyehyee twa asi ahoƆf ananmu”

AkenkanfoƆ, sℇ M’agya NyankopƆn ka saa a nea Ɔkyerℇ ne sℇ, nnipa dodoƆ a ℇwƆ wiase yi mu a wƆn di afℇfℇdeℇ akyi, ℇbƆ ahantan bra de mmoatia, abosom, akƆmfoƆ, ne mmame wata tirinwin ne ne ntaadeℇ, siesie wƆn ho ne adwuma kuo, wƆn a ℇtƆn, wƆn a ℇbƆ hon dawuro wƆ T.v., radio ne social media so nyinaa, M’agya NyankopƆn de nhyehyee yare bℇma wƆn, sℇ wƆn wƆ hƆ a na wƆn honam mu hyehye wƆn. Asotweℇ a ℇbℇba wƆn so no no, mo a mo ani nsƆ nea M’agya NyankopƆn de ama mo.

“Wo nnipa btotƆ nkrant ano, ne wo nnƆmmarima Ɔsa mu;”. YESAIA Ti 3:25

AkenkanfoƆ, asotwe a M’agya NyankopƆn de bℇma nnipa ahantanfoƆ a wƆn ani nsƆ nea Ɔde ama wƆn, na wƆ twi wƆn anim ‘pƆnso’, pƆ wƆn ho, de mmƆwerℇ hyehyℇ nsa tiaa ne wƆn nan nsoa so, awieℇ aba.

“Wo nnipa btotƆ nkrant ano”,

Wo abusua, wo ayƆnkƆfoƆ, nea ℇka no a na aka wo, nkrantℇ ano na wƆn bewu, ampa wƆ Ɔman Ghana mu edu berℇ bi a wobℇte sℇ Ɔbarima atwitwa ne yere nkrantℇ akum no, bi si wƆ afuom, ebi nso si wƆ fie, ebi nso wƆ hƆ a ntƆkwa si mmarima mmienu ntℇm na ƆbaakƆ tumi de nkrantℇ atwitwa Ɔbaako akum no.

Ɔsa mu: saara ara na ℇteℇ ℇwƆ hƆ a wobℇte Ɔman Ghana afa baabi ntokwa ℇsi, na nnipa no ekumkum wƆn ho, sℇ me nkyerℇw M’agya NyankopƆn nsℇm yi, kuro a ne din de ‘Bawku’ a ℇwƆ Ɔman Ghana mu, akumkum ℇkƆ so. Saara na ℇkƆ so wƆ Russia ne Ukraine, Israel ne Gaza, ne amanman bi ntℇm wƆ wiase yi mu, aban tu guo nso ka hon.

“Na n’aboboƆ bdi abooboo na atwa adwo, na Ɔbda mpan na watena fam”. YESAIA Ti 3:26

AkenkanfoƆ, M’agya NyankopƆn asotwe a ƆwƆ ma nnipa a wƆn wƆ Ɔbonsam afa, na wƆn di afℇfℇdeℇ akyi, na wƆn ani nsƆ nea Ɔde ama wƆn amanehunu dƆƆso.

Nnipa yi bℇdwendwen na wa adi awerahoƆ wƆ wƆn adifi ne wƆn mmae mu. Na watwa adwo, osu kℇseℇ paa, na Ɔto nani a onya werℇkyerkyefoƆ biaa, na Ɔbℇda mpan, wƆn ho bℇgu hƆ na watena fam, ahantanfoƆ awieℇ aba na wƆn nni kyℇfa wƆ M’agya NyankopƆn ahenie mu.

Sℇ onipa ℇkasa na Ɔde nensa bℇnkum kyerℇkyerℇ a na wayℇ ahantan, na wayi Ɔbonsam suban a ℇwƆ ne mu adi, enti ℇsℇse nnipa gyae.

AkenkanfoƆ, mede nsℇm a M’agya NyankopƆn de asoma me Nyame Honhom Kronkron sℇ me nka nkyerℇ nnipa a mo wƆ wiase yi mu awieℇ berℇ yi, ℇba na awieℇ no, na ℇsℇse mo nnipa a mo yℇ afℇfℇdeℇ ahodoƆ yi nyinaa ne wƆn a ℇtƆn, ne wƆn a ℇde siesie wƆn ho no gyae. Mo bℇtumi apℇ asase ayℇ afuo a Ɔhaw nnim wƆ M’agya NyankopƆn anim, sensℇ mo ne Ɔbonsam bℇyℇ baako na mo asℇe nea M’agya NyankopƆn ayℇ ne nea Ɔmpℇ.

AkenkanfoƆ, atemmuo nsℇm no, nea ℇtƆso mmienu nni a M’agya NyankopƆn sℇ me Nyame Honhom Kronkron nka nkyerℇ mo, na mo nnipa a wiase yi awieℇ ato mo, na ℇnnyℇ mo nhwℇso ne afotu na mo annyℇ bƆne, sℇnea adikanfoƆ no yℇℇyℇ wƆ sare no so, na wƆkumkum wƆn no.

AkenkanfoƆ, mo nhyℇ nsℇm yi nso, wƆ yℇn aho siesie mu no siℇ na M’agya NyankopƆn pℇ sℇ ne maa mmaa ne mmarima siesie wƆn ho.

Women Attire.
WƆ yℇn aho siesie mu no siℇ na M’agya NyankopƆn pℇ sℇ ne maa mmaa siesie wƆn ho.
WƆ yℇn aho siesie mu no siℇ na M’agya NyankopƆn pℇ sℇ ne maa mmarima siesie wƆn ho.

LEAVE A REPLY

Please enter your comment!
Please enter your name here